Deuteronomium 16:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 “Sisi atemmufoɔ+ ne mpanimfoɔ+ wɔ nkuro a Yehowa wo Nyankopɔn de ama abusuakuo biara no apono ano, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no atɛn. Deuteronomium 21:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 ɛnneɛ ne papa ne ne maame mfa no mmra ne kurom mpanimfoɔ anim wɔ kuro no pono ano.+ Deuteronomium 22:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Ɛba saa a, ababaa no papa ne ne maame mfa deɛ ɛkyerɛ sɛ ababaa no yɛ ɔbaabunu mmɛkyerɛ kuro no mu mpanimfoɔ wɔ kuro no pono ano.+ Deuteronomium 25:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Na sɛ ɔbarima no mpɛ sɛ ɔware ne nua yere no a, ɛnneɛ okunafoɔ no nkɔ mpanimfoɔ nkyɛn kuro no pono ano+ na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Me kunu nua no mpɛ sɛ ɔma ne nua din tena Israel. Ɔmpɛ sɛ ɔware me yɛ okunu nua asɛdeɛ.’
18 “Sisi atemmufoɔ+ ne mpanimfoɔ+ wɔ nkuro a Yehowa wo Nyankopɔn de ama abusuakuo biara no apono ano, na wɔmfa atɛntenenee mmu ɔman no atɛn.
15 Ɛba saa a, ababaa no papa ne ne maame mfa deɛ ɛkyerɛ sɛ ababaa no yɛ ɔbaabunu mmɛkyerɛ kuro no mu mpanimfoɔ wɔ kuro no pono ano.+
7 “Na sɛ ɔbarima no mpɛ sɛ ɔware ne nua yere no a, ɛnneɛ okunafoɔ no nkɔ mpanimfoɔ nkyɛn kuro no pono ano+ na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Me kunu nua no mpɛ sɛ ɔma ne nua din tena Israel. Ɔmpɛ sɛ ɔware me yɛ okunu nua asɛdeɛ.’