5 “Sɛ anuanom bi wɔ hɔ na baako wu berɛ a ɔnni ba a, ɛnsɛ sɛ deɛ wawuo no yere kɔware abɔntensoni. Mmom ne kunu nua no nkɔ ne ho na ɔnware no na ɔnyɛ okunu nua asɛdeɛ.+
28 sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose+ twerɛ maa yɛn sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi nua wɔ yere na ɔwu, na sɛ ɔnni ba a, ne nua+ nware ne yere no na ɔne no nwo mma ne nua no.’+