Genesis
38 Akyire yi Yuda firii ne nuanom nkyɛn kɔsii ne ntomadan wɔ Adulamni+ barima bi a ɔde Hira nkyɛn. 2 Ɛhɔ na Yuda hunuu Kanaanni+ bi a wɔfrɛ no Sua babaa bi, na ɔfaa no, na ɔne no daeɛ. 3 Ɔbaa no nyinsɛn woo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Er.+ 4 Ɔnyinsɛnee bio woo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Onan. 5 Akyire yi ɔsan woo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Sela. Ɔwoeɛ no, na Yuda wɔ Aksib.+
6 Berɛ bi akyi no, Yuda waree ɔbaa bi a wɔfrɛ no Tamar+ maa ne ba panin Er. 7 Nanso Yuda ba panin Er bɛyɛɛ onipa bɔnefoɔ wɔ Yehowa anim,+ enti Yehowa kum no.+ 8 Afei Yuda ka kyerɛɛ Onan sɛ: “Kɔ wo nua yere no ho na ware no na wo ma wo nua no.”+ 9 Nanso na Onan nim sɛ mma a ɔbɛwo wɔn no renyɛ ne dea,+ enti sɛ ɔne ne nua yere no da a, na wama ne ho nsuo asene agu fam asɛe, na wamma ne nua no annya mma.+ 10 Deɛ ɔyɛeɛ no, na ɛyɛ bɔne Yehowa ani so,+ enti ɔkum ɔno nso.+ 11 Afei Yuda ka kyerɛɛ n’ase Tamar sɛ: “Kɔdi kuna wɔ wo papa fie kɔsi sɛ me ba Sela bɛnyini.”+ Nanso ɔkaa no ne tirim sɛ: “Anhwɛ a ɔno nso bɛwu sɛ ne nuanom.”+ Enti Tamar kɔtenaa ne papa fie.+
12 Berɛ bi akyi no, Sua babaa a ɔyɛ Yuda yere+ no wuiɛ, na Yuda yɛɛ n’ayie.+ Na ɛno akyi no, ɔne n’adamfo Hira a ɔyɛ Adulamni+ no kɔɔ wɔn a wɔtwitwa ne nnwan ho nwi no hɔ wɔ Timna.+ 13 Afei obi bɛka kyerɛɛ Tamar sɛ: “Hwɛ, w’ase barima no rekɔ Timna akɔtwitwa ne nnwan ho nwi ”+ 14 Ɔtee saa no, ɔyii ne kuna atadeɛ no guu hɔ, na ɔde ntoma kataa ne kɔn mu de nkatanimu kataa n’anim, na ɔkɔtenaa Enaim kurotia wɔ Timna kwan so, ɛfiri sɛ na wahunu sɛ Sela anyini nso wɔmfaa no mmaa no awareɛ.+
15 Berɛ a Yuda ani bɔɔ ne soɔ no, ɔsusuu sɛ ɔyɛ odwamanfoɔ,+ ɛfiri sɛ na wakata n’anim.+ 16 Enti ɔmane kɔɔ ne nkyɛn kaa sɛ: “Mesrɛ wo, ma menkɔ wo ho.”+ Na ɔnnim sɛ ɛyɛ n’ase no a.+ Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Ɛdeɛn na wode bɛma me na woaba me ho?”+ 17 Yuda kaa sɛ: “Mɛsoma ama wɔde abirekyie ba abrɛ wo.” Na ɔbisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na wode bɛdi agyinamu ansa na wode aba?”+ 18 Na Yuda bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na memfa nni agyinamu?” Ɔbuaa sɛ: “Wo nsɔanokaa+ ne wo homa ne wo poma.” Ɔde maa no, na ɔkɔɔ ne ho, na ɔne no nyinsɛneeɛ. 19 Afei ɔsɔre kɔyii ne nkatanimu no guu hɔ, na ɔhyɛɛ ne kuna atadeɛ no.+
20 Afei Yuda somaa n’adamfo Adulamni+ no sɛ ɔmfa abirekyie ba no nkɔ na ɔnkɔgye deɛ ɔde dii agyinamu no mfiri ɔbaa no hɔ mmra, nanso wanhu no. 21 Na ɔbisabisaa nnipa a wɔwɔ kurom hɔ no sɛ: “Ɔbaa dwamanfoɔ* a ɔtaa tena Enaim kwankyɛn no wɔ he?” Ɛnna wɔkaa sɛ: “Yɛnhunuu odwamanfoɔ+ biara wɔ ha da.” 22 Afei ɔsanee n’akyi kɔbɔɔ Yuda amanneɛ sɛ: “Manhunu ɔbaa no, na kurom hɔfoɔ se odwamanfoɔ biara mmaa hɔ da.” 23 Ɛnna Yuda kaa sɛ: “Ma no mfa na yɛn anim angu ase.+ Me deɛ, mede aboa no asoma, hu na woanhu no.”
24 Afei bɛyɛ abosome mmiɛnsa akyi no, obi ka kyerɛɛ Yuda sɛ: “W’ase Tamar adane odwamanfoɔ+ na ɛnam so ama wanyinsɛn.”+ Ɛnna Yuda kaa sɛ: “Momfa no mmra na wɔnhye no.”+ 25 Berɛ a wɔde no baeɛ no, ɔsoma kɔɔ n’ase barima no hɔ kɔkaa sɛ: “Ɔbarima a nneɛma yi yɛ ne dea no, ɔno na ɔne me nyinsɛneeɛ.”+ Ɔtoaa so sɛ: “Mesrɛ wo, hwɛ+ sɛ nsɔanokaa ne homa ne poma yi yɛ hwan dea.”+ 26 Yuda hunuiɛ no, ɔkaa sɛ:+ “Ɔbaa no tene sene me,+ ɛfiri sɛ mamfa no amma me ba Sela.”+ Na ɛfiri saa berɛ no wankɔ ne ho bio.+
27 Afei n’awoɔ duruu soɔ no, na nta na ɛwɔ ne yam. 28 Awoɔ no mu no, abɔfra baako yii ne nsa pueeɛ, na deɛ ɔgye awoɔ no de homa kɔkɔɔ kyekyeree ne nsa, na ɔkaa sɛ: “Oyi na ɔbaa kane.” 29 Afei ɔtwee ne nsa kɔɔ mu, na ɛhɔ ara ne nua no firii adie; enti deɛ ɔregye awoɔ no kaa sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ yi? Adɛn na woapae awotwaa no?” Enti wɔtoo ne din Peres.+ 30 Afei ne nua a homa kɔkɔɔ kyekyere ne nsa no dii akyire baeɛ, na wɔtoo ne din Sera.+