Genesis
39 Wɔde Yosef kɔɔ Egypt,+ na Egyptni Potifar+ a ɔyɛ Farao mpanimfoɔ no baako, awɛmfoɔ so panin no, tɔɔ no firii Ismaelfoɔ+ a wɔde no kɔeɛ no nkyɛn. 2 Yehowa dii Yosef akyi maa no sii no yie,+ na ne wura Egyptni no de fie hɔ hyɛɛ ne nsa. 3 Afei ne wura no bɛhunuu sɛ Yehowa di n’akyi na biribiara a ɔde ne nsa bɛsɔ mu no, Yehowa ma no yɛ yie.
4 Na Yosef nyaa n’anim adom na ɔyii ne yam som no, enti ɔde fie hɔ ne biribiara a ɔwɔ hyɛɛ ne nsa.+ 5 Ɛfiri berɛ a ɔde fie hɔ ne biribiara a ɔwɔ hyɛɛ ne nsa no, Yosef nti Yehowa hyiraa Egyptni no fie, na Yehowa kɔɔ so hyiraa deɛ ɔwɔ biara so, deɛ ɛwɔ fie ne afuo mu.+ 6 Enti ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa,+ na wanha ne ho biribiara ho gye aduane a ɔno ara bɛdie. Afei Yosef nyini bɛyɛɛ ɔbarima hoɔfɛfoɔ firi soro bɛsi fam.
7 Akyire yi, ne wura yere de n’ani+ sii Yosef so na ɔkaa sɛ: “Wo ne me mmɛda.”+ 8 Nanso na ɔmpene so,+ na ɔka sɛ: “Hwɛ, me nti, me wura nhwɛ deɛ ɛrekɔ so wɔ fie ha, na ɔde biribiara a ɔwɔ ahyɛ me nsa.+ 9 Obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛseɛ sene me fie ha, na ɔmfa biribiara nkame me gye wo, ɛfiri sɛ woyɛ ne yere.+ Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumuyɔsɛm a ɛte sei na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?”+
10 Da biara na ɔde asɛm no dwan Yosef ho, nanso wampene sɛ ɔne no bɛda anaa ɔne no bɛhyehyɛ hɔ.+ 11 Da bi ɔkɔɔ fie hɔ sɛ ɔrekɔyɛ adwuma, sɛdeɛ ɔyɛ daa no, na na fie hɔfoɔ no biara nni hɔ.+ 12 Afei ɔbaa no sɔɔ n’atadeɛ mu+ kaa sɛ: “Wo ne me mmɛda!”+ Nanso ɔgyee ne ho gyaa n’atadeɛ maa no na ɔdwane firii adi.+ 13 Na berɛ a ɔhunuu sɛ Yosef agya n’atadeɛ wɔ ne nsam na wadwane afiri adie no, 14 ɔfirii aseɛ teateaam frɛɛ ne fie hɔfoɔ sɛ: “Monhwɛ! Wakɔfa Hebrini barima yi aba sɛ ɔmmɛgoro yɛn ho. Ɔbaa me nkyɛn sɛ ɔne me rebɛda, na memaa me nne so teateaam.+ 15 Afei berɛ a ɔtee sɛ mereteateam no, ɔgyaa n’atadeɛ me nkyɛn, na ɔdwane firii adi.” 16 Ɔde atadeɛ no guu ne nkyɛn kɔsii sɛ ne wura no baa fie.+
17 Na ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ no sɛ: “Hebrini akoa yi a wokɔfaa no baeɛ yi baa me nkyɛn sɛ ɔrebɛgoro me ho. 18 Na memaa me nne so teateaam, na ntɛm ara na ɔgyaa n’atadeɛ wɔ me nkyɛn, na ɔdwane firii adi.”+ 19 Berɛ a ne wura no tee ne yere no asɛm sɛ: “Sei ne sei na w’akoa no ayɛ me” no, ne bo fuiɛ.+ 20 Enti Yosef wura no de no kɔtoo afiase, baabi a ɔhene nneduafoɔ guo no, na ɔdaa afiase hɔ.+
21 Nanso Yehowa kɔɔ so ara dii Yosef akyi, na ɔyii n’adɔeɛ kyerɛɛ no maa no nyaa ɔpanin a ɔhwɛ afiase hɔ no anim adom.+ 22 Afei ɔpanin a ɔhwɛ afiase hɔ no de nneduafoɔ a wɔwɔ afiase hɔ nyinaa hyɛɛ Yosef nsa, na ɔno na na ɔhwɛ ma wɔyɛ biribiara wɔ hɔ.+ 23 Na biribiara a ɛhyɛ ne nsa no, afiase panin no anha ne ho wɔ ho, ɛfiri sɛ na Yehowa di Yosef akyi, na deɛ ɔyɛeɛ biara, Yehowa hwɛ maa no yɛɛ yie.+