20 Na mate w’abisadeɛ a ɛfa Ismael ho no nso. Mɛhyira no ama no adɔre na n’asefoɔ ayɛ pii pa.+ Atitire dumienu bɛfiri ne mu, na mɛma no ayɛ ɔman kɛseɛ.+
25 Afei wɔtenaa ase sɛ wɔredidi.+ Na berɛ a wɔmaa wɔn ani soɔ no, wɔhunuu sɛ Ismaelfoɔ+ akwantufoɔ bi firi Gilead reba a wɔn yoma soso labdanum ne balsam aduhwam ne akyenkyennuro+ a wɔde rekɔ Egypt.