Genesis
40 Na yeinom nyinaa akyi no, ɛbaa sɛ Egypt hene no nsahyɛfoɔ+ ne ne paanootofoɔ yɛɛ wɔn wura Egypt hene+ no bɔne. 2 Farao bo fuu ne mpanimfoɔ mmienu yi,+ nsahyɛfoɔ panin ne paanootofoɔ panin no.+ 3 Enti ɔde wɔn kɔguu afiase+ wɔ awɛmfoɔ panin+ no fie, baabi a na Yosef da no. 4 Na awɛmfoɔ panin no maa Yosef som wɔn,+ na wɔdii nna kakra wɔ afiase hɔ.
5 Ɛbaa sɛ da koro bi anadwo, Egypt hene mpanimfoɔ mmienu no, nsahyɛfoɔ ne paanootofoɔ a wɔda afiase hɔ no,+ biara soo daeɛ;+ na ɛsono obiara daeɛ+ ne ne nkyerɛaseɛ.+ 6 Adeɛ kyee anɔpa a Yosef baa wɔn nkyɛn no, na wɔn anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ.+ 7 Ɛnna ɔbisaa Farao mpanimfoɔ a ɔne wɔn da afiase wɔ ne wura fie no sɛ: “Adɛn nti na nnɛ mo anim ayɛ bosabosaa saa?”+ 8 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛasoso adaeɛ, nanso obiara nni ha a ɔbɛkyerɛ aseɛ ama yɛn.” Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛ daeɛ ase?+ Monka nkyerɛ me.”
9 Afei nsahyɛfoɔ panin no kaa ne daeɛ no kyerɛɛ Yosef sɛ: “Mesoo daeɛ no na bobe bi si m’anim. 10 Na bobe no yiyii nkorabata mmiɛnsa na ɛfefɛeɛ.+ Afei ɛguu nhyerɛnee na ɛsoo aba esia, na aba no bereeɛ. 11 Ná Farao kuruwa kura me, na mefaa bobe aba no bi kyĩ guu kuruwa no mu.+ Na mede kuruwa no hyɛɛ Farao nsam.”+ 12 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: “Ne nkyerɛaseɛ nie:+ Nkorabata mmiɛnsa no yɛ nnansa. 13 Aka nnansa na Farao ayi wo de wo dibea asan ama wo.+ Na wode Farao kuruwa bɛhyɛ ne nsam, sɛdeɛ na woyɛ berɛ a woyɛ ne nsahyɛfoɔ no.+ 14 Na sɛ biribiara kɔ yie ma wo a, mesrɛ wo kae me.+ Yɛ me adɔeɛ na ka me ho asɛm kyerɛ Farao+ na yi me firi fie yi mu. 15 Asɛm no ne sɛ wɔkyeree me sieeɛ na wɔde me firii Hebrifoɔ+ asase so baa ha; na ɛha nso menyɛɛ hwee a ɛsɛ sɛ wɔde me bɛto afiase amena mu.”+
16 Afei berɛ a paanootofoɔ panin no hunuu sɛ nkyerɛaseɛ no akɔ yie no, ɔno nso ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Me nso, me daeɛ mu no, na meso nkɛntɛn a paanoo wom a ɛsisi so mmiɛnsa, 17 na na atoduane a Farao+ pɛ nyinaa bi wɔ kɛntɛn a ɛwɔ soro no mu. Afei nnomaa+ bɛdii aduane a ɛwɔ kɛntɛn no mu no wɔ me tiri so.” 18 Ɛnna Yosef kaa sɛ: “Ne nkyerɛaseɛ nie:+ Nkɛntɛn mmiɛnsa no yɛ nnansa. 19 Aka nnansa na Farao ayi wo afiri ha na wayi wo tiri afiri so, na ɔbɛsɛn wo dua so,+ na nnomaa bɛdi wo nam.”+
20 Afei nnansa soɔ a Farao redi n’awoda+ no, ɔtoo pono maa ne nkoa nyinaa, na ɔyii nsahyɛfoɔ panin ne paanootofoɔ panin no firii adi wɔ ne nkoa no anim.+ 21 Ɔsan de nsahyɛfoɔ panin no dibea maa no,+ na ɔtoaa so de kuruwa hyɛɛ Farao nsam. 22 Na paanootofoɔ panin no deɛ, ɔsɛnee no+ sɛdeɛ Yosef kaeɛ no.+ 23 Nanso nsahyɛfoɔ panin no ankae Yosef, na ne werɛ firii no.+