Genesis
41 Na mfeɛ mmienu akyi no, Farao soo daeɛ+ sɛ ɔgyina Nil asubɔnten ho. 2 Na ɔhunuu sɛ anantwie nson a wɔn ho yɛ fɛ na wɔadɔ sradeɛ apue afiri Nil asubɔnten no mu, na na wɔrewe ɛserɛ a ɛwɔ Nil ho no.+ 3 Akyire yi anantwie nson foforɔ a wɔn ho yɛ tan na wɔafomfɔn+ nso firi Nil asubɔnten no mu baeɛ, na wɔbɛgyinagyinaa anantwie a wɔdi kan no nkyɛn wɔ Nil asubɔnten no ho. 4 Afei anantwie a wɔn ho yɛ tan na wɔafomfɔn no memenee anantwie nson a wɔn ho yɛ fɛ na wɔadɔ sradeɛ no.+ Ɛhɔ ara na Farao ani teeɛ.+
5 Ɔsan daeɛ na ɔsoo daeɛ a ɛtɔ so mmienu. Na ɔhunuu sɛ ayuo mmɛtem akɛseɛ a ɛyɛ fɛ nson repuepue dua korɔ ho.+ 6 Afei ayuo mmɛtem nson foforɔ nteaanteaa a apueeɛ mframa+ ama atwintwam nso dii akyire baeɛ.+ 7 Na ayuo mmɛtem nteaanteaa no memenee ayuo mmɛtem akɛseɛ nson a ɛyɛ fɛ no.+ Afei Farao ani teeɛ, na ɔhunuu sɛ ɛyɛ daeɛ.
8 Adeɛ kyee anɔpa no, na ne ho yera no.+ Enti ɔsoma kɔfrɛɛ Egypt akɔmfoɔ+ ne anyansafoɔ nyinaa baeɛ,+ na Farao kaa ne daeɛ no kyerɛɛ wɔn.+ Nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ Farao aseɛ.
9 Ɛhɔ na nsahyɛfoɔ panin no ka kyerɛɛ Farao+ sɛ: “Makae me bɔne nnɛ.+ 10 Berɛ bi Farao bo fuu ne nkoa,+ enti ɔde me ne paanootofoɔ panin no kɔguu afiase wɔ awɛmfoɔ panin+ no fie. 11 Na da bi anadwo yɛn mmienu nyinaa sosoo daeɛ. Ná ɛsono obiara daeɛ ne ne nkyerɛaseɛ.+ 12 Saa berɛ no na yɛne Hebrini+ aberanteɛ bi a ɔyɛ awɛmfoɔ panin+ no akoa na ɛwɔ hɔ. Na berɛ a yɛka kyerɛɛ no no,+ ɔfirii aseɛ kyerɛɛ yɛn aseɛ. Ɔkyerɛɛ obiara daeɛ ase sɛdeɛ ɛteɛ. 13 Na deɛ ɔkaeɛ no ara na ɛbaa mu. Me nsa kaa me dibea bio,+ nanso baako no deɛ, wɔsɛnee no.”+
14 Na Farao somaa sɛ wɔnkɔyi Yosef+ mfiri afiase amena no mu mmra ntɛm.+ Afei ɔyii n’abɔdwesɛ,*+ na ɔsesaa n’atadeɛ+ na ɔkɔɔ Farao anim. 15 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Maso daeɛ bi, nanso obiara ntumi nkyerɛ aseɛ. Na mate wo nka sɛ wo deɛ, wote daeɛ a, wotumi kyerɛ aseɛ.”+ 16 Ɛnna Yosef buaa Farao sɛ: “Me deɛ, mene hwan? Onyankopɔn na ɔbɛma Farao ate asɛm a ɛyɛ.”+
17 Ɛnna Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Mesoo daeɛ no, na megyina Nil asubɔnten ho. 18 Na mehunuu sɛ anantwie nson a wɔn ho yɛ fɛ na wɔadɔ sradeɛ apue afiri Nil asubɔnten no mu, na na wɔrewe ɛserɛ a ɛwɔ Nil ho no.+ 19 Afei anantwie nson foforɔ a wɔn ho yɛ tan yie na wɔafomfɔn ayɛ kanyaa nso dii wɔn akyi baeɛ.+ Menhunuu anantwie a wɔn ho yɛ tan saa da wɔ Egypt asase so ha baabiara. 20 Na anantwie a wɔafomfɔn na wɔn ho yɛ tan no memenee anantwie nson a wɔdi kan a wɔadɔ sradeɛ no.+ 21 Na wɔmemenee wɔn wieeɛ no, na wɔnhunu mpo sɛ biribi akɔ wɔn yafunu mu, ɛfiri sɛ na wɔn ho da so ara yɛ tan.+ Afei m’ani teeɛ.
22 “Ɛno akyi no, mesan soo daeɛ hunuu sɛ ayuo mmɛtem akɛseɛ a ɛyɛ fɛ nson repuepue dua korɔ ho.+ 23 Afei ayuo mmɛtem nson foforɔ nteaanteaa a atwintwam a apueeɛ mframa+ atwe mu nsuo nso dii akyire baeɛ. 24 Na ayuo mmɛtem nteaanteaa no memenee ayuo mmɛtem nson a ɛyɛ fɛ no.+ Mekaa yeinom nyinaa kyerɛɛ akɔmfoɔ no,+ nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ me aseɛ.”+
25 Ɛnna Yosef ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Farao daeɛ no yɛ asɛnkorɔ. Deɛ nokorɛ Nyankopɔn bɛyɛ no na waka akyerɛ Farao no.+ 26 Anantwie nson a wɔn ho yɛ fɛ no yɛ mfeɛ nson. Saa ara na ayuo mmɛtem nson a ɛyɛ fɛ no nso yɛ mfeɛ nson. Daeɛ no yɛ baako. 27 Na anantwie nson a wɔafomfɔn na wɔn ho yɛ tan no yɛ mfeɛ nson; na ayuo mmɛtem a ammɔ yie na apueeɛ mframa+ twee mu nsuo no bɛyɛ mfeɛ nson mu kɔm.+ 28 Yei na maka akyerɛ Farao no: Deɛ nokorɛ Nyankopɔn no bɛyɛ na wama Farao ahunu yi.+
29 “Mfeɛ nson reba a aduane bɛbu so wɔ Egypt asase so baabiara. 30 Nanso ɛno akyi no ɛkɔm bɛba mfeɛ nson, na nnipa renkae mpo sɛ aduane abu so wɔ Egypt asase so pɛn. Yei bɛyɛ ɛkɔm fitaa a ɛbɛdosa asase no nyinaa.+ 31 Na ɛkɔm a ɛbɛba no, ɛsiane sɛ ano bɛyɛ den pii nti, biribiara nni hɔ a ɛbɛkyerɛ sɛ aduane abu so pɛn wɔ asase no so. 32 Na daeɛ no a wɔtĩĩ mu kyerɛɛ Farao mprenu no kyerɛ sɛ nokorɛ Nyankopɔn asi asɛm no so dua,+ na nokorɛ Nyankopɔn no bɛyɛ no ntɛm.+
33 “Enti Farao nhwehwɛ ɔbarima a n’adwenem da hɔ a ɔnim nyansa na ɔnhwɛ Egypt+ asase so. 34 Afei Farao nyɛ ntɛm nyi ahwɛfoɔ wɔ asase no nyinaa so,+ na ɔnnyegye aduane a ɛbɛba Egypt asase soɔ no nnum mu nkyɛmu baako berɛ a aduane abu so mfeɛ nson no.+ 35 Na mmerɛ pa a ɛreba no duru so a, wɔnnyegye aduane na wɔmmoaboa ano na Farao mfa ne nsa nto so, na wɔnkora so wɔ nkuro mu.+ 36 Afei ɛkɔm a ɛbɛba Egypt+ asase so mfeɛ nson no ba a, wɔmfa aduane a wɔde asie no mma ɔmanfoɔ, na ɛkɔm ansɛe asase no.”+
37 Farao ne ne nhenkwaa nyinaa ani gyee asɛm no ho.+ 38 Enti Farao bisaa nhenkwaa no sɛ: “Onipa bɛn na yɛbɛnya no a ɔte sɛ oyi a Onyankopɔn honhom wɔ ne soɔ yi?”+ 39 Ɛnna Farao ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Sɛ Onyankopɔn ama woahunu yeinom nyinaa a,+ ɛnneɛ obi foforɔ biara nni hɔ a n’adwenem da hɔ na ɔnim nyansa sɛ woɔ.+ 40 Mede me fie bɛhyɛ wo nsa,+ na me manfoɔ nyinaa bɛtie deɛ wobɛka biara.+ Adwa a mete soɔ yi nko ara na mede bɛsene woɔ.”+ 41 Na Farao san ka kyerɛɛ Yosef sɛ: “Hwɛ, mede wo asi Egypt asase nyinaa so.”+ 42 Afei Farao yii pɛtea+ firii ne nsa de hyɛɛ Yosef nsa, na ɔde atadeɛ a wɔde nwera pa ayɛ hyɛɛ no, na ɔde sika kɔnmuadeɛ guu ne kɔn mu.+ 43 Ɛno akyi no ɔmaa no tenaa ne teaseɛnam a ɛtɔ so mmienu mu,+ na wɔteaam dii n’anim sɛ “Awrek!” Enti ɔde no sii Egypt asase nyinaa so.
44 Na Farao ka kyerɛɛ Yosef bio sɛ: “Mene Farao, nanso wommaa kwan a, obiara ntumi mma ne nsa anaa ne nan so wɔ Egypt asase nyinaa so.”+ 45 Na Farao too Yosef din Safenat-Panea, na ɔde On+ sɔfoɔ Potifera babaa Asenat+ maa no awareɛ. Na Yosef firii aseɛ kyinkyinii Egypt asase so.+ 46 Yosef baa Egypt hene Farao anim no na wadi mfeɛ aduasa.+
Afei Yosef firii Farao anim kɔfaa Egypt asase no so nyinaa. 47 Na mfeɛ nson a wɔkyerɛ sɛ aduane bɛbu soɔ no duruiɛ no, asase no maa nnɔbaeɛ bebree.+ 48 Na ɔboaboaa aduane a ɛbaa Egypt asase so mfeɛ nson yi mu no ano, na wɔkoraa so wɔ nkuro mu.+ Ɔde nnɔbaeɛ a ɛwɔ afuo biara mu no kɔɔ kuro a ɛbɛn hɔ mu.+ 49 Afei Yosef boaboaa aduane pii ano+ sɛ mpoano anwea, na akyire yi wɔgyaee kan, ɛfiri sɛ na wɔntumi mmu ano.+
50 Na ansa na ɛkɔm berɛ no reba no, Yosef ne On sɔfoɔ Potifera babaa Asenat woo mma mmarima mmienu.+ 51 Yosef frɛɛ panin no Manase,+ ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, “Onyankopɔn ama me werɛ afiri m’amanehunu ne me papa fie nyinaa.”+ 52 Ɔfrɛɛ deɛ ɔtɔ so mmienu no Efraim,+ ɛfiri sɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no, “Onyankopɔn ama madɔre wɔ asase a mabrɛ wɔ soɔ no so.”+
53 Afei nkakrankakra mfeɛ nson a aduane buu so wɔ Egypt asase soɔ no baa awieeɛ,+ 54 na ɛkɔm a ɛbɛba mfeɛ nson no firii aseɛ, sɛdeɛ na Yosef aka no.+ Na ɛkɔm no baa nsase nyinaa so, nanso na aduane wɔ Egypt asase so baabiara.+ 55 Nkakrankakra ɛkɔm no te sii Egypt asase nyinaa so, na nkurɔfoɔ su guu Farao so sɛ ɔmma wɔn aduane.+ Na Farao ka kyerɛɛ Egyptfoɔ nyinaa sɛ: “Monkɔ Yosef nkyɛn. Deɛ ɔbɛka akyerɛ mo biara, monyɛ.”+ 56 Ɛkɔm no baa asase nyinaa so.+ Afei berɛ a ɛkɔm no mu firii aseɛ yɛɛ den Egypt asase soɔ no, Yosef buebuee aduanekora adan a ɛwɔ hɔ no nyinaa, na ɔtɔn aduane maa Egyptfoɔ no.+ 57 Na aman nyinaa baa Egypt bɛtɔɔ aduane firii Yosef hɔ, ɛfiri sɛ na ɛkɔm no ate asi asase nyinaa so dendeenden.+