20 Ɛnna Dawid sɔre firii fam, na ɔdware de ngo sraeɛ,+ na ɔsesãã n’atadeɛ kɔɔ Yehowa fie+ hɔ kɔkotoeɛ.+ Ɛno akyi no, ɔbaa ne fie, na ɔbisa maa wɔde aduane bɛsii n’anim ntɛm, na ɔdiiɛ.
2 Enti Yoab soma kɔɔ Tekoa+ kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ+ bi firi hɔ baeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, kɔfira awerɛhoɔ ntoma na yɛ wo ho sɛ obi a ɔredi awerɛhoɔ; mfa ngo nsra,+ na yɛ sɛ ɔbaa a ɔde nna pii adi obi a wawuo ho awerɛhoɔ.+