Atemmufoɔ 19:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Enti wɔtenaa ase, na wɔn mmienu didi nomeeɛ. Afei ababaa no papa ka kyerɛɛ aberanteɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, da ma adeɛ nkye+ na dwodwo wo ho.”+ Dwom 104:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Wode nsã ma ɔdasani ma n’akoma ani gye,+Ne ngo a ɛma nnipa anim yɛ dɛhyɛdɛhyɛ,+Ne aduane a ɛwowa ɔdasani akoma.+ Ɔsɛnkafoɔ 3:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 ne sɛ onipa biara bɛdidi na wanom na wahunu adepa, ne brɛ nyinaa mu.+ Onyankopɔn akyɛdeɛ ne no.+ Ɔsɛnkafoɔ 10:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Aduane ma adwumayɛfoɔ sere, na nsã nso ma asetena yɛ dɛ;+ nso sika na wɔde yɛ biribiara.+
6 Enti wɔtenaa ase, na wɔn mmienu didi nomeeɛ. Afei ababaa no papa ka kyerɛɛ aberanteɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, da ma adeɛ nkye+ na dwodwo wo ho.”+
15 Wode nsã ma ɔdasani ma n’akoma ani gye,+Ne ngo a ɛma nnipa anim yɛ dɛhyɛdɛhyɛ,+Ne aduane a ɛwowa ɔdasani akoma.+