Ɔsɛnkafoɔ
3 Biribiara wɔ ne berɛ a wɔahyɛ+ ato hɔ, na adeɛ biara wɔ ne berɛ ɔsoro ase: 2 awoɔ wɔ ne berɛ,+ na owuo nso wɔ ne berɛ;+ oguo wɔ ne berɛ, na deɛ wɔaguo no tutuo nso wɔ ne berɛ;+ 3 okum wɔ ne berɛ,+ na ayaresa nso wɔ ne berɛ;+ berɛ a wɔde bubuo wɔ hɔ, na berɛ a wɔde sie nso wɔ hɔ;+ 4 esũ wɔ ne berɛ,+ na sereɛ nso wɔ ne berɛ;+ benabɔ wɔ ne berɛ,+ na ahurihurie nso wɔ ne berɛ;+ 5 berɛ a wɔto aboɔ guo wɔ hɔ,+ na berɛ a wɔboaboa aboɔ ano nso wɔ hɔ;+ atuuyɛ wɔ ne berɛ,+ na atuuyɛ kwatie nso wɔ ne berɛ;+ 6 adehwehwɛ wɔ ne berɛ,+ na adehwereɛ nso wɔ ne berɛ; berɛ a wɔde kora adeɛ soɔ wɔ hɔ, na berɛ a wɔto adeɛ twene nso wɔ hɔ;+ 7 adeɛ mu sunsuane wɔ ne berɛ,+ na adepam nso wɔ ne berɛ;+ kommyɛ wɔ ne berɛ,+ na ɔkasa nso wɔ ne berɛ;+ 8 ɔdɔ wɔ ne berɛ, na ɔtan nso wɔ ne berɛ;+ ɛko wɔ ne berɛ,+ na asomdwoeɛ nso wɔ ne berɛ.+ 9 Sɛ obi brɛ ne ho yɛ adwuma a, mfasoɔ bɛn na ɔnya?+
10 Mahunu adwuma a Onyankopɔn de ama adasamma sɛ wɔnyɛ no.+ 11 Wayɛ adeɛ nyinaa fɛfɛɛfɛ wɔ ne berɛ mu.+ Ɔde berɛ a ɛnni awieeɛ ahyɛ wɔn akomam,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a adasamma renhunu nneɛma a nokorɛ Nyankopɔn ayɛ no mu firi mfitiaseɛ kɔsi awieeɛ.+ 12 Mahunu sɛ adepa biara nni hɔ mma nnipa sɛ wɔbɛgye wɔn ani na wɔayɛ adepa wɔn asetena mu;+ 13 ne sɛ onipa biara bɛdidi na wanom na wahunu adepa, ne brɛ nyinaa mu.+ Onyankopɔn akyɛdeɛ ne no.+
14 Mahunu sɛ adeɛ biara a Onyankopɔn yɛ no, ɛno na ɛbɛtena hɔ daa.+ Wɔrentumi mfa biribiara nka ho, na wɔrentumi nyi biribiara mfiri mu;+ nokorɛ Nyankopɔn no na wayɛ+ na ama nnipa asuro no.+
15 Deɛ aba biara no, ɛwɔ hɔ dada, na deɛ ɛbɛba biara nso aba dada;+ nokorɛ Nyankopɔn+ no hwehwɛ deɛ wɔtaa no no yiedie.+
16 Na masan ahunu owia ase sɛ wɔdi amumuyɔsɛm wɔ baabi a wɔbu atɛn ne baabi a ɛsɛ sɛ wɔdi asɛntenenee.+ 17 Maka no m’akomam+ sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn no bɛbu ateneneefoɔ ne abɔnefoɔ nyinaa atɛn,+ na adeɛ biara ne adwuma biara wɔ ne berɛ.”+
18 Me deɛ, mekaa adasamma ho asɛm m’akomam sɛ nokorɛ Nyankopɔn bɛsɔ wɔn ahwɛ, na ama wɔahunu sɛ wɔn nso wɔyɛ mmoa.+ 19 Adasamma awieeɛ wɔ hɔ, ɛnna mmoa nso awieeɛ wɔ hɔ, na wɔn nyinaa awieeɛ yɛ baako.+ Sɛdeɛ oyi wuo teɛ no, saa na oyi nso wuo teɛ;+ na wɔn nyinaa wɔ honhom+ baako, ma enti onipa nkyɛn aboa, na adeɛ nyinaa yɛ ahuhudeɛ. 20 Wɔn nyinaa kɔ faako.+ Wɔn nyinaa firi dɔteɛ mu,+ na wɔn nyinaa san kɔ dɔteɛ mu.+ 21 Hwan na ɔnim sɛ ebia nnipa mma honhom foro kɔ soro, na aboa honhom siane kɔ asase ase?+ 22 Mahunu sɛ adepa biara nni hɔ sɛ onipa bɛgye n’ani n’adwuma ho,+ ɛfiri sɛ ɛno ne ne kyɛfa; anyɛ saa a, hwan na ɔde no bɛba abɛhwɛ deɛ ɛresi wɔ n’akyi?+