Genesis 7:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Biribiara a nkwa wom na ɛhome fa ne hwenem, kyerɛ sɛ biribiara a ɛwɔ asase kesee soɔ no, wuiɛ.+ Numeri 27:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 “Yehowa, Onyankopɔn a woma honam nyinaa+ honhom,+ yi obi ma no nni asafo yi anim,+ Dwom 104:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Sɛ wode w’anim hunta a, wɔyɛ basaa;+Sɛ woyi wɔn honhom a, wɔgyaa mu,+Na wɔsan kɔ wɔn dɔteɛ mu.+ Ɔsɛnkafoɔ 12:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Ɛno na dɔteɛ san kɔ asase mu+ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no, na honhom+ no nso asan akɔ nokorɛ Nyankopɔn+ a ɔde maeɛ+ no hɔ.
7 Ɛno na dɔteɛ san kɔ asase mu+ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no, na honhom+ no nso asan akɔ nokorɛ Nyankopɔn+ a ɔde maeɛ+ no hɔ.