Genesis 29:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Laban tee ne wɔfase Yakob ho asɛm ara pɛ na ɔde mmirika kɔhyiaa no.+ Ɛnna ɔbam no fee n’ano, na ɔde no baa ne fie.+ Na Yakob kaa deɛ asie nyinaa kyerɛɛ Laban. Genesis 33:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɛnna Esau de mmirika bɛhyiaa no,+ na ɔyɛɛ no atuu+ de ne tiri too ne kɔn ho fee n’ano, na wɔn mmienu suiɛ. Genesis 48:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Onyini nti na Israel ani so ayɛ no wisiwisi na ɔnhunu adeɛ.+ Enti ɔde wɔn bɛn no na ɔfee wɔn ano bam wɔn.+ 2 Ahemfo 4:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Ɛnna odiyifoɔ no kaa sɛ: “Afe sɛsɛɛ na woturu ɔbabarima.”+ Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “O nokorɛ Nyankopɔn nipa, me wura, yei deɛ, ɛrenyɛ yie! Nni atorɔ nkyerɛ w’afenaa.”
13 Laban tee ne wɔfase Yakob ho asɛm ara pɛ na ɔde mmirika kɔhyiaa no.+ Ɛnna ɔbam no fee n’ano, na ɔde no baa ne fie.+ Na Yakob kaa deɛ asie nyinaa kyerɛɛ Laban.
4 Ɛnna Esau de mmirika bɛhyiaa no,+ na ɔyɛɛ no atuu+ de ne tiri too ne kɔn ho fee n’ano, na wɔn mmienu suiɛ.
10 Onyini nti na Israel ani so ayɛ no wisiwisi na ɔnhunu adeɛ.+ Enti ɔde wɔn bɛn no na ɔfee wɔn ano bam wɔn.+
16 Ɛnna odiyifoɔ no kaa sɛ: “Afe sɛsɛɛ na woturu ɔbabarima.”+ Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “O nokorɛ Nyankopɔn nipa, me wura, yei deɛ, ɛrenyɛ yie! Nni atorɔ nkyerɛ w’afenaa.”