2 Ahemfo
4 Na ɔbaa bi a ɔyɛ adiyifoɔ asefoɔ+ no baako yere bɛsu kyerɛɛ Elisa sɛ: “Me kunu a ɔyɛ w’akoa no awu, na wo ara wonim sɛ na w’akoa suro+ Yehowa. Mede obi ka,+ na waba rebɛfa me mma mmienu no akɔyɛ nkoa.” 2 Ɛnna Elisa bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na menyɛ mma woɔ?+ Ka kyerɛ me; ɛdeɛn na wowɔ wɔ fie?” Na ɔkaa sɛ: “W’afenaa nni hwee wɔ fie sɛ ngo+ ahina baako.” 3 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Kɔ abɔnten kɔfemfɛm nhina firi wɔn a wɔtete bɛn woɔ nyinaa nkyɛn, nhina a hwee nni mu. Gyegye bebree. 4 Afei wo ne wo mma mmarima no nkɔhyɛ dan mu na monto pono no mu, na hwiehwie ngo no gu nhina no nyinaa mu, na deɛ ɛbɛyɛ mã no, fa sisi nkyɛn.” 5 Ɔkaa saa no, ɔbaa no firii ne nkyɛn kɔeɛ.
Berɛ a ɔbaa no too ɔne ne mma pono mu no, wɔde nhina no brɛɛ no, na ɔno nso hwiehwie guu mu.+ 6 Na ɛbaa sɛ berɛ a nhina no yeyɛɛ mã no, ɔka kyerɛɛ ne ba baako sɛ: “Fa ahina foforɔ brɛ me.”+ Nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ahina bi nni hɔ bio.” Ɛnna ngo no twaeɛ.+ 7 Enti ɔbaa no kɔka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no. Na ɔno nso kaa sɛ: “Kɔtɔn ngo no na fa tuatua wo ho aka,+ na wo ne wo mma mfa deɛ ɛbɛka no ntena ase.”+
8 Na ɛbaa sɛ da bi, Elisa twaam kɔɔ Sunem.+ Ná ɔbaa nimuonyamfoɔ bi wɔ hɔ, na ɔhyɛɛ+ no sɛ ɔmmɛdidi. Enti sɛ ɔfa hɔ da biara a, ɔmane hɔ kɔdidi. 9 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ ne kunu+ sɛ: “Menim sɛ ɔbarima a ɔba yɛn nkyɛn daa yi yɛ Onyankopɔn nipa kronkron.+ 10 Ma yɛnyɛ atifi dan+ ketewa bi ɔfasuo no ho, na yɛmfa mpa ne pono ne adwa ne kaneadua+ nsisi mu mma no ɛ, na da biara a ɔbɛba yɛn nkyɛn no, wakɔgye n’ahome wɔ hɔ.”+
11 Ɛbaa sɛ da bi, ɔbaa hɔ sɛdeɛ ɔyɛ daa no, na ɔmanee hɔ kɔdaa atifi dan no mu. 12 Na ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ Gehasi+ sɛ: “Frɛ Sunemni+ baa yi bra.” Ɛnna ɔfrɛɛ no bɛgyinaa n’anim. 13 Na ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Mesrɛ wo, ka kyerɛ no sɛ, ‘Wode ɔhaw yi nyinaa aha wo ho ama yɛn.+ Ɛdeɛn na yɛnyɛ mma woɔ?+ Biribi wɔ hɔ a wopɛ sɛ wɔka kyerɛ ɔhene+ anaa asraafoɔ panin+ ma woɔ?’” Na ɔbaa no kaa sɛ: “Me deɛ, mete me nkurɔfoɔ mu.”+ 14 Na ɔbisaa bio sɛ: “Ɛdeɛn koraa na yɛnyɛ mma no?” Ɛnna Gehasi kaa sɛ: “Nokwasɛm nie, ɔnni ɔbabarima+ na ne kunu nso abɔ akora.” 15 Ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Frɛ no bra.” Enti ɔkɔfrɛɛ no, na ɔbaa no bɛgyinaa kwan no ano. 16 Ɛnna odiyifoɔ no kaa sɛ: “Afe sɛsɛɛ na woturu ɔbabarima.”+ Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “O nokorɛ Nyankopɔn nipa, me wura, yei deɛ, ɛrenyɛ yie! Nni atorɔ nkyerɛ w’afenaa.”
17 Nanso ɔbaa no nyinsɛneeɛ, na ɔwoo ɔbabarima+ afeda no mu, sɛdeɛ Elisa ka kyerɛɛ no no.+ 18 Na abɔfra no nyiniiɛ, na da bi ɔkɔɔ ne papa nkyɛn atwafoɔ+ no mu sɛdeɛ ɔyɛ daa no. 19 Na abɔfra no ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Me ti, me ti!”+ Ɛnna papa no ka kyerɛɛ ne somfoɔ sɛ: “Fa no kɔma ne maame.”+ 20 Enti ɔmaa abɔfra no so de no kɔmaa ne maame. Ɔdaa ne maame nan so kɔsii owigyinaeɛ, na ɔwuiɛ.+ 21 Ɛnna ɔbaa no foro de no kɔtoo nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no mpa+ soɔ, na ɔtoo pono no mu firii adi. 22 Afei ɔfrɛɛ ne kunu na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, ma me asomfoɔ no baako ne afunumu bereɛ baako, na mentu mmirika nkɔ nokorɛ Nyankopɔn nipa no nkyɛn mmra.”+ 23 Ɛnna ne kunu bisaa sɛ: “Adɛn nti na worekɔ ne nkyɛn nnɛ? Ɛnnɛ nyɛ bosome foforɔ+ anaa homeda.” Nanso ɔbaa no kaa sɛ: “Ɛnyɛ hwee.” 24 Enti ɔbaa no hyehyɛɛ afunumu+ no, na ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Ka wo ho. Nka sɛ me nti woreto wo bo ase, gye sɛ meka sɛ to wo bo ase.”
25 Na ɔbaa no siim sɛ ɔrekɔ nokorɛ Nyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ Bepɔ Karmel so. Berɛ a nokorɛ Nyankopɔn nipa no huu no akyirikyiri no, ntɛm ara na ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ Gehasi+ sɛ: “Hwɛ! Sunemni baa no na ɔreba no. 26 Enti mesrɛ wo, tu mmirika kɔhyia no na bisa no sɛ, ‘Wo ho yɛ? Wo kunu ho yɛ? Abɔfra no ho yɛ?’” Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Ɛyɛ.” 27 Berɛ a ɔbaa no kɔduruu nokorɛ Nyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ bepɔ no soɔ no, ɛhɔ ara na ɔbaa no sɔɔ ne nan.+ Ɛnna Gehasi baa sɛ ɔrebɛpia no afiri hɔ,+ nanso nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no kaa sɛ: “Gyaa no,+ na ne kra aboto+ wɔ ne mu; Yehowa de ahunta+ me na wanka ankyerɛ me.” 28 Afei ɔbaa no kaa sɛ: “Me na mekaa sɛ me wura mma mennya ɔba anaa? Manka sɛ, ‘Mmɛdaadaa me’?”+
29 Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ Gehasi+ sɛ: “Bɔ w’asene+ na fa me poma+ kura na kɔ. Obiara a wobɛhyia no kwan soɔ no, nkyea no;+ sɛ obi kyea wo nso a, nnye so. Fa me poma no kɔto abɔfra no anim.”+ 30 Ɛnna abɔfra no maame kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te aseɛ+ na wo kra nso te aseɛ+ yi, merennya wo hɔ nkɔ.”+ Enti ɔsɔre ne ɔbaa no kɔeɛ. 31 Na Gehasi deɛ, ɔdii wɔn anim kan de poma no kɔtoo abɔfra no anim, nanso wankasa na wankeka ne ho.+ Enti ɔsan n’akyi kɔhyiaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Abɔfra no annyane.”+
32 Berɛ a Elisa nso bɛduruu fie hɔ no, na abɔfra no awu ama wɔde no akɔto ne mpa so.+ 33 Ɛnna ɔkɔɔ mu kɔtoo wɔn mmienu pono mu,+ na ɔbɔɔ Yehowa mpaeɛ.+ 34 Afei ɔforoo mpa no kɔdaa abɔfra no so,+ na ɔde n’ano butuu n’ano, na ɔde n’ani butuu n’ani so, na ɔde ne nsayam totoo ne nsayam, na ɔbutuu abɔfra no so; nkakrankakra, abɔfra no honam yɛɛ hye. 35 Afei ɔsan dii akɔneaba wɔ fie hɔ, ɔkɔ ha, na waba ha, na ɔsan foroo mpa no kɔbutuu abɔfra no so. Ɛnna abɔfra no nwansii mprɛ nson, na afei abɔfra no buee n’ani.+ 36 Ɛno akyi no, ɔfrɛɛ Gehasi kaa sɛ: “Frɛ Sunemni+ baa no bra.” Enti ɔfrɛɛ no maa no baa ne nkyɛn. Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Fa wo ba no.”+ 37 Ɛnna ɔbaa no baa mu bɛhwee ne nan ase butuu fam,+ na ɔfaa ne ba no kɔeɛ.+
38 Elisa san kɔɔ Gilgal.+ Ɔkɔeɛ no na ɛkɔm+ wɔ asase no so. Berɛ a adiyifoɔ asefoɔ+ no tete n’anim+ no, ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ+ no sɛ: “Fa kukuo kɛseɛ no si gya so yɛ abomu ma adiyifoɔ asefoɔ no.”+ 39 Enti obi kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔtete ɛfan,+ na ɔkɔhunuu homa bi tetee wuram ɛferɛ wɔ so ne ntoma mã, na ɔbɛtwitwa guu kukuo no mu; ná wɔnnim n’adeban. 40 Akyire yi wɔtete maa mmarima no sɛ wɔnni. Berɛ a wɔde abomu no bi kaa wɔn ano ara pɛ, wɔteaam kaa sɛ: “O nokorɛ Nyankopɔn nipa,+ awuduro wɔ kukuo no mu.”+ Na wɔantumi anni. 41 Enti ɔkaa sɛ: “Momma me esiam.” Ɔde guu kukuo no mu kaa sɛ: “Montete mma wɔn na wɔnni.” Na awuduro no nyinaa firii kukuo no mu.+
42 Ɔbarima bi firi Baal-Salisa+ baeɛ, na ɔde+ atokokan yɛɛ paanoo+ aduonu kaa ayuo aba a ɛdi kan ho, na ɔde guu paanoo kotokuo mu brɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no.+ Na ɔkaa sɛ: “Fa ma nkurɔfoɔ no ma wɔnni.”+ 43 Nanso ne somfoɔ no kaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na mede yei asi mmarima ɔha anim?”+ Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Fa ma nkurɔfoɔ no ma wɔnni, ɛfiri sɛ Yehowa aka sɛ, ‘Wɔbɛdi ama ebi aka.’”+ 44 Ɛnna ɔde sii wɔn anim, na wɔdi maa ebi kaeɛ sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+