2 Ahemfo
5 Ná Siria hene wɔ ɔsahene bi a wɔfrɛ no Naaman.+ Ná ɔyɛ onipa kɛseɛ wɔ ne wura anim, na na wɔbu no ɛfiri sɛ ɔno so na Yehowa nam gyee Siriafoɔ.+ Ná ɔbarima no yɛ dɔmmarima kokoɔdurofoɔ, nanso na ɔyɛ kwatani. 2 Berɛ bi Siria afomfoɔ+ firii adi, na wɔkɔfaa abaayewa kumaa bi dommum firii Israelfoɔ asase so+ de no baeɛ, na ɔbɛsom Naaman yere. 3 Akyire yi ɔka+ kyerɛɛ ne maame a ɔne no teɛ no sɛ: “O sɛ anka me wura wɔ odiyifoɔ+ a ɔwɔ Samaria no anim a! Anka ɔbɛsa ne kwata+ no.” 4 Na obi kɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ: “Sei ne sei na abaayewa a ɔfiri Israel asase soɔ no aka.”+
5 Ɛnna Siria hene kaa sɛ: “Sim ntɛm! Bra, na mede krataa bɛkɔ akɔma Israel hene.” Enti ɔfaa+ dwetɛ dwetikɛseɛ du ne sika+ dwetikɛseɛ mpemnsia ne ntadeɛ+ du siim kɔeɛ. 6 Na ɔde krataa+ yi kɔmaa Israel hene sɛ: “Sɛ wo nsa ka krataa yi a, hwɛ, mɛsoma m’akoa Naaman wo nkyɛn na woasa ne kwata no ama no.” 7 Berɛ a Israel hene kenkan krataa no ara pɛ, ɔsuanee+ n’atadeɛ mu, na ɔkaa sɛ: “Adɛn, meyɛ Onyankopɔn+ na matumi akum anaa mama nkwa?+ Monhwɛ sɛ ɔbarima yi asoma sɛ mensa kwatani yareɛ; monhunu sɛ ɔham ara na ɔpɛ sɛ ɔne me ham.”+
8 Berɛ a nokorɛ Nyankopɔn nipa Elisa tee sɛ Israel hene asuane n’atadeɛ mu+ no, ɛhɔ ara na ɔsoma kɔbisaa ɔhene sɛ: “Adɛn nti na wosuanee w’atadeɛ mu? Ma no mmra me nkyɛn ɛ, na ɔnhunu sɛ odiyifoɔ bi wɔ Israel.”+ 9 Enti Naaman ne n’apɔnkɔ ne ne ko nteaseɛnam ba bɛgyinaa Elisa fie kwan ano. 10 Nanso Elisa tuu bɔfoɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔdware+ mprɛ nson+ Yordan mu, na wo ho bɛsan aba wo ho+ ama wo ho ate.” 11 Ɛnna Naaman bo fuiɛ,+ na ɔdanee n’ani sɛ ɔrekɔ, na ɔkaa sɛ: “Hwɛ, me deɛ, mekaa no me tirim sɛ,+ ‘Firi na ɔbɛfiri adi afiri nohoa aba me nkyɛn, na ɔbɛbɔ Yehowa, ne Nyankopɔn no din na ɔde ne nsa asrasra hɔ na wasa kwatani yi yareɛ.’ 12 Damasko+ nsubɔnten Abana ne Farpar nyɛ nsene Israel nsuo nyinaa?+ Enti anka merentumi nnware mu mma me ho nte?”+ Ɔkaa saa no, ɔde abufuo siim sɛ ɔrekɔ.+
13 Nanso ne nkoa twe bɛn no ne no kɔkasaa sɛ: “Papa,+ sɛ ade kɛseɛ bi na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ woɔ a, anka worenyɛ anaa? Enti sɛ waka sɛ ‘Dware ma wo ho nte’ a, ɛno na worenyɛ?” 14 Wɔkaa saa no, ɔkɔ kɔtɔɔ Yordan mu mprɛ nson sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no no,+ na ne ho san baa ne ho maa no yɛɛ sɛ abɔfra ketewa honam,+ na ne ho teeɛ.+
15 Ɛnna ɔsan n’akyi kɔɔ nokorɛ Nyankopɔn nipa no nkyɛn,+ ɔne n’asafo a wɔka ne ho nyinaa, na ɔbɛgyinaa n’anim kaa sɛ: “Afei na mahunu ampa sɛ Onyankopɔn biara nni asase so baabiara sɛ Israel.+ Enti mesrɛ wo, gye akyɛdeɛ+ yi w’akoa nsam.” 16 Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa a megyina n’anim no te aseɛ+ yi, merennye.”+ Na ɔsrɛɛ no ara sɛ ɔnnye, nanso wampene so annye. 17 Ɛnna Naaman kaa sɛ: “Sɛ saa a, ɛnneɛ ma wɔmma w’akoa dɔteɛ+ a mfunumupɔnkɔ mmienu bɛtumi asoa, ɛfiri sɛ w’akoa remmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara mma onyame foforɔ biara bio, gye Yehowa nko ara.+ 18 Yei nko na Yehowa mfa nkyɛ w’akoa: Sɛ me wura kɔ Rimon+ fie sɛ ɔrekɔkoto no wɔ hɔ, na sɛ ɔtwere+ me nsa so a, ɛbɛma makoto+ wɔ Rimon fie; sɛ mekoto wɔ Rimon fie saa a, ɛnneɛ mesrɛ sɛ Yehowa mfa ɛno nkyɛ w’akoa.”+ 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ.”+ Enti ɔsiim firii ne nkyɛn twaa kwan kakra.
20 Na nokorɛ Nyankopɔn nipa+ Elisa somfoɔ Gehasi+ kaa sɛ: “Hwɛ, me wura agyaa Siriani Naaman+ yi ama no kɔ kwa, na wannye deɛ ɔde baeɛ no ne nsam. Sɛ́ Yehowa te aseɛ+ yi, mɛtu mmirika atĩ no na makɔgye biribi ne nsam.”+ 21 Enti Gehasi de mmirika tĩĩ Naaman. Berɛ a Naaman hunuu sɛ obi de mmirika di n’akyi no, ɛhɔ ara na ɔsi firii ne teaseɛnam mu kɔhyiaa no, na ɔbisaa no sɛ: “Asomdwoeɛ mu anaa?”+ 22 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Asomdwoeɛ mu. Me wura+ na asoma me+ sɛ memmɛka nkyerɛ wo sɛ, ‘Hwɛ! Mmeranteɛ mmienu bi a wɔfiri adiyifoɔ no asefoɔ mu firi Efraim mmepɔ so aba me nkyɛn seesei ara.+ Enti mesrɛ wo, ma me dwetɛ dwetikɛseɛ baako ne ntadeɛ+ mmienu.’” 23 Ɔkaa saa no, Naaman nso kaa sɛ: “O gye dwetikɛseɛ mmienu mpo.” Ɔsrɛɛ no ara,+ na afei ɔkyekyeree dwetɛ dwetikɛseɛ mmienu wɔ mmɔtɔ mmienu mu de ntadeɛ mmienu kaa ho, na ɔde maa n’asomfoɔ mmienu, na wɔsoa dii n’anim.
24 Berɛ a ɔduruu Ofel no, ɛhɔ ara na ɔgyee nneɛma no wɔn nsam de kɔguu fie,+ na ɔgyaa wɔn kwan. Enti wɔsan kɔeɛ. 25 Ɔno deɛ, ɔba bɛgyinaa ne wura anim.+ Ɛnna Elisa bisaa no sɛ: “Gehasi, ɛhe na wofiri reba yi?” Na ɔbuaa sɛ: “W’akoa nkɔɔ baabiara.”+ 26 Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Berɛ a ɔbarima no si friii ne teaseɛnam mu bɛhyiaa woɔ no, m’akoma ankɔ bi anaa? Saa berɛ yi na ɛsɛ sɛ wɔgye dwetɛ anaa ntadeɛ anaa ngo nnua anaa bobe nturo anaa nnwan anaa anantwie anaa nkoa anaa mfenaa?+ 27 Ɛno nti Naaman kwata+ bɛfam wo ne w’asefoɔ ho daa.”+ Ɛhɔ ara na ɔfirii n’anim kɔeɛ a kwata adware no fitaa sɛ sukyerɛmma.+