Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
5 Ná Siria hene wɔ ɔsahene bi a wɔfrɛ no Naaman. Ná ɔyɛ onipa kɛseɛ a ne wura bu no, ɛfiri sɛ na Yehowa nam ne so ama Siriafoɔ adi nkonim.* Ná ɔbarima no yɛ ɔkatakyie, nanso na ɔyare kwata.* 2 Berɛ bi Siriafoɔ bɛto hyɛɛ Israelfoɔ so, na wɔkyee abaayewa kumaa bi firii Israelfoɔ asaase so kɔe, na ɔkɔyɛɛ Naaman yere abaawa. 3 Abaayewa no ka kyerɛɛ ne maame a ɔne no te no sɛ: “Sɛ anka me wura bɛkɔ odiyifoɔ+ a ɔwɔ Samaria no anim a, anka ɔbɛsa ne kwata no+ ama no.” 4 Enti ɔkɔɔ* ne wura hɔ kɔbɔɔ no amanneɛ, na ɔkaa deɛ abaayewa a ɔfiri Israel no kaeɛ nyinaa kyerɛɛ no.
5 Ɛnna Siria hene kaa sɛ: “Sim kɔ seesei ara! Mede krataa bɛkɔ akɔma Israel hene.” Enti ɔfaa dwetɛ dwetikɛseɛ* du, sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ 6,000, ne ntaadeɛ ahodoɔ du, na ɔsiim kɔe. 6 Ɔde krataa yi kɔmaa Israel hene sɛ: “Krataa yi akyi no, meresoma m’akoa Naaman aba wo nkyɛn na woasa ne kwata no ama no.” 7 Berɛ a Israel hene kenkan krataa no ara pɛ, ɔsuan n’ataadeɛ mu, na ɔkaa sɛ: “Adɛn, meyɛ Onyankopɔn na matumi akum onipa anaa mama onipa nkwa?+ Monhwɛ sɛ wasoma ɔbarima yi sɛ mensa ne kwata mma no. Mo ara motumi hu sɛ ntɔkwa ara na ɔrepɛ me.”
8 Nanso berɛ a nokorɛ Nyankopɔn nipa Elisa tee sɛ Israel hene asuan n’ataadeɛ mu no, ɛhɔ ara na ɔsoma kɔbisaa ɔhene sɛ: “Adɛn nti na woasuan w’ataadeɛ mu? Mesrɛ wo, ma no mmra me nkyɛn, na ɔbɛhu sɛ odiyifoɔ bi wɔ Israel.”+ 9 Enti Naaman de n’apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam a ɔde kɔ ɛko bae, na ɔbɛgyinaa Elisa fie kwan ano. 10 Nanso Elisa tuu ɔbɔfoɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔdware wɔ Yordan+ mu mprɛ nson,+ na wo honam bɛsi ne dada mu ama wo ho ate.” 11 Ɛnna Naaman bo fuu dendeenden, na ɔdanee ne ho sɛ ɔrekɔ, na ɔkaa sɛ: “Hwɛ, me deɛ, mekaa no me tirim sɛ, ‘Ɔbɛpue aba me nkyɛn, na ɔbɛbɔ Yehowa, ne Nyankopɔn no din, na ɔde ne nsa afefa kwata no so asa me yareɛ.’ 12 So Abana ne Farpar nsubɔnten a ɛwɔ Damasko+ no nyɛ nsene Israel nsuo nyinaa? Enti anka merentumi nnware mu mma me ho nte?” Ɔkaa saa no, ɔde abufuo siim sɛ ɔrekɔ.
13 Ɛnna ne nkoa twe bɛn no, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Papa, sɛ ade kɛseɛ bi na odiyifoɔ no ka kyerɛɛ wo sɛ yɛ a, anka worenyɛ anaa? Enti sɛ waka sɛ ‘Dware na wo ho nte’ a, ɛno na wontumi nyɛ?” 14 Wɔkaa saa no, ɔkɔeɛ na ɔkɔtɔɔ* Yordan mu mprɛ nson sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no ka kyerɛɛ no no, na ne honam ani yɛɛ tonomtonom kama te sɛ abɔfra ketewaa honam,+ na ne ho teeɛ.+
15 Ɛnna ɔsan n’akyi ne ne dɔm* nyinaa kɔɔ nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no nkyɛn, na ɔkɔgyinaa n’anim kaa sɛ: “Afei na mahunu ampa sɛ Onyame biara nni asaase so baabiara, gye sɛ Israel.+ Mesrɛ wo, gye akyɛdeɛ* yi firi w’akoa nsam.” 16 Ɛnna Elisa kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa a mesom no* no te ase yi, merennye.”+ Ɔsrɛɛ no ara sɛ ɔnnye, nanso wannye. 17 Afei Naaman kaa sɛ: “Sɛ saa a, ɛnneɛ ma wɔmma w’akoa dɔteɛ a mfunumupɔnkɔ mmienu bɛtumi asoa, ɛfiri sɛ w’akoa remmɔ ɔhyeɛ afɔreɛ anaa afɔreɛ biara mma onyame foforɔ biara bio, gye Yehowa nko ara. 18 Mmom adeɛ baako na mɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmfa nkyɛ w’akoa: Sɛ me wura kɔ Rimon fie* sɛ ɔrekɔkoto no wɔ hɔ, na sɛ ɔtwere me nsa so a, ɛbɛma makoto wɔ Rimon fie hɔ bi. Sɛ mekoto wɔ Rimon fie saa a, ɛnneɛ mesrɛ sɛ Yehowa mfa nkyɛ w’akoa.” 19 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ.” Berɛ a ɔfirii ne nkyɛn twaa kwan kakra no, 20 Gehasi+ a ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa Elisa+ somfoɔ no kaa no ne tirim sɛ: ‘Hwɛ, me wura agyaa Siriani Naaman+ yi ama no kɔ kwa, na wannye deɛ ɔde baeɛ no. Sɛ́ Yehowa te ase yi, mɛtu mmirika ati no na makɔgye biribi afiri ne hɔ.’ 21 Enti Gehasi de mmirika tii Naaman. Berɛ a Naaman huu sɛ obi de mmirika di n’akyi no, ɛhɔ ara na ɔsi firii ne teaseɛnam mu kɔhyiaa no, na ɔbisaa no sɛ: “Biribiara yɛ bɔkɔɔ anaa?” 22 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Biribiara yɛ bɔkɔɔ. Me wura asoma me sɛ memmɛka nkyerɛ wo sɛ, ‘Hwɛ! Seesei ara na mmeranteɛ mmienu bi a wɔfiri adiyifoɔ mma no mu firi Efraim mmepɔ mu aba me nkyɛn. Enti mesrɛ wo, ma wɔn dwetɛ dwetikɛseɛ baako ne ntaadeɛ mmienu.’”+ 23 Naaman kaa sɛ: “Gye dwetikɛseɛ mmienu mpo.” Ɔsrɛɛ no ara,+ na afei ɔkyekyeree dwetɛ dwetikɛseɛ mmienu wɔ nkotokuo mmienu mu de ntaadeɛ mmienu kaa ho, na ɔde maa n’asomfoɔ mmienu, na wɔsoa dii n’anim.
24 Berɛ a ɔduruu Ofel* no, ɔgyee nneɛma no firii wɔn nsam de kɔguu fie, na ɔgyaa wɔn kwan. Wɔkɔeɛ no, 25 ɔkɔɔ ne wura nkyɛn. Ɛnna Elisa bisaa no sɛ: “Gehasi, ɛhe na wofiri reba yi?” Na ɔbuaa sɛ: “W’akoa nkɔɔ baabiara.”+ 26 Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: “Berɛ a ɔbarima no si firii ne teaseɛnam mu bɛhyiaa wo no, wonnim sɛ na m’akoma di w’akyi anaa? Saa berɛ yi na ɛsɛ sɛ yɛgye dwetɛ, ntaadeɛ, ngodua mfuo, bobefuo,* nnwan, anantwie, nkoa, anaa mfenaa?+ 27 Ɛno nti Naaman kwata+ no bɛfam wo ne w’asefoɔ ho daa.” Ɛhɔ ara na ɔfirii n’anim kɔeɛ, na na kwata adware no fitaa te sɛ sukyerɛmma.+