Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
6 Adiyifoɔ mma+ no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Hwɛ! Baabi a yɛne wo teɛ yi sua dodo ma yɛn. 2 Yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ Yordan ho na yɛn mu biara nkɔpɛ dua baako na yɛmfa nyɛ baabi a yɛbɛtena wɔ hɔ.” Ɔkaa sɛ: “Monkɔ ɛ.” 3 Wɔn mu baako bisaa no sɛ: “Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa bɛkɔ anaa?” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mɛkɔ.” 4 Enti ɔne wɔn kɔe, na berɛ a wɔkɔduruu Yordan ho no, wɔfirii aseɛ twaa nnua no. 5 Berɛ a ɔbaako retwa dua no, akuma no hɔn tɔɔ nsuo no mu. Ɛnna ɔteaam sɛ: “O me wura, yɛkɔsrɛe!” 6 Nokorɛ Nyankopɔn nipa no bisaa no sɛ: “Ɛhe na ɛtɔeɛ?” Na ɔkyerɛɛ no. Ɛnna ɔtwaa dua ketewa bi to too hɔ, na akuma no bɛtɛɛ nsuo no ani. 7 Ɔkaa sɛ: “Yi firi nsuo no mu.” Enti ɔtenee ne nsa yii.
8 Na ɛbaa sɛ Siria hene yɛɛ sɛ ɔne Israel rekɔko,+ na ɔne ne nkoa tuu agyina sɛ: “Ɛha ne ha na me ne mo bɛboa yɛn ho ano.” 9 Ɛnna nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no soma kɔka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Hwɛ yie na woamfa ha, ɛfiri sɛ ɛha na Siriafoɔ bɛfa aba.” 10 Enti faako a nokorɛ Nyankopɔn nipa no kaa ho asɛm kyerɛɛ Israel hene no, ɔhene no kɔbɔɔ nnipa a wɔwɔ hɔ no kɔkɔ. Odiyifoɔ no bɔɔ ɔhene kɔkɔ mprɛ pii, enti wankɔ hɔ.+
11 Wei hyɛɛ Siria hene abufuo,* na ɔfrɛɛ ne nkoa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkyerɛ me deɛ ɔwɔ yɛn mu a ɔwɔ Israel hene afã.” 12 Na ne nkoa no baako kaa sɛ: “Me wura ɔhene, yɛn mu biara nni n’afã. Mmom ɛyɛ odiyifoɔ Elisa a ɔwɔ Israel no; ɔno na nsɛm a woka wɔ wo pia mu mpo,+ ɔka kyerɛ Israel hene.” 13 Ɔkaa sɛ: “Monkɔhwehwɛ faako a ɔwɔ na mensoma nkɔkye no.” Akyire yi, wɔbɛbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Ɔwɔ Dotan.”+ 14 Ɛhɔ ara na ɔsoma maa wɔde apɔnkɔ ne ɛko nteaseɛnam ne asraafoɔdɔm kɛseɛ kɔɔ hɔ. Wɔduruu hɔ anadwo, na wɔtwaa kuro no ho hyiaeɛ.
15 Berɛ a nokorɛ Nyankopɔn nipa no somfoɔ sɔree anɔpa na ɔpueeɛ no, ɔhuu sɛ asraafoɔdɔm bi ne apɔnkɔ ne ɛko nteaseɛnam atwa kuro no ho ahyia. Ɛhɔ ara na ne somfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “O me wura! Yɛbɛyɛ dɛn?” 16 Nanso ɔkaa sɛ: “Nsuro!+ Ɛfiri sɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sene wɔn a wɔka wɔn ho.”+ 17 Ɛnna Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, bue n’ani na ɔnhunu deɛ ɛrekɔ so.”+ Ntɛm ara na Yehowa buee ɔsomfoɔ no ani; ɔnkɔhwɛ a, egya apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ na ayɛ mmepɔ no so ma atwa Elisa ho nyinaa ahyia+ yi.
18 Berɛ a Siriafoɔ no yɛɛ sɛ wɔreba Elisa so no, ɔbɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: “Mesrɛ wo, ma nkurɔfoɔ* yi ani mfira.”+ Enti ɔmaa wɔn ani firae sɛdeɛ Elisa srɛeɛ no. 19 Afei Elisa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ kwan no nie, na ɛnyɛ kuro no nie. Monni m’akyi na memfa mo nkɔ ɔbarima a morehwehwɛ no no hɔ.” Nanso ɔdii wɔn anim de wɔn kɔɔ Samaria+ mmom.
20 Berɛ a wɔduruu Samaria no, Elisa kaa sɛ: “O Yehowa, bue nkurɔfoɔ yi ani na wɔnhunu adeɛ.” Enti Yehowa buee wɔn ani, na wɔhuu sɛ wɔwɔ Samaria mfimfini. 21 Berɛ a Israel hene huu wɔn no, ɔbisaa Elisa sɛ: “Menkunkum wɔn anaa, me papa, menkunkum wɔn anaa?” 22 Nanso ɔkaa sɛ: “Nkunkum wɔn. Sɛ wode wo sekan ne w’agyan ko na wokye nkurɔfoɔ a, ɛsɛ sɛ wokunkum wɔn anaa? Ma wɔn aduane* ne nsuo na wɔnnidi nnom,+ na wɔnsan nkɔ wɔn wura nkyɛn.” 23 Enti ɔtoo pono kɛseɛ maa wɔn; wɔdidi nomee, na ɛno akyi no ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔɔ wɔn wura nkyɛn. Siriafoɔ dɔm a wɔfom nkurɔfoɔ nneɛma+ no ansan amma Israel asaase so bio.
24 Wei akyi no, Siria hene Ben-Hadad boaboaa n’asraafoɔdɔm nyinaa ano kɔtwaa Samaria ho hyiae.+ 25 Enti ɛkɔm kɛseɛ+ baa Samaria. Wɔtwaa ho hyiaeɛ kɔsii sɛ afei ɛduruu baabi no, na afunumu ti+ mpo boɔ yɛ nnwetɛbena 80, na aburuburo bini nsa ma mmienu* boɔ yɛ nnwetɛbena 5. 26 Berɛ a Israel hene nam ɔfasuo no so retwam no, ɔbaa bi teaam ka kyerɛɛ no sɛ: “O me wura ɔhene, boa yɛn!” 27 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Sɛ Yehowa ammoa wo a, ɛhe na mɛnya mmoa ama wo? Ayuporobea, anaasɛ baabi a wɔkyĩ nsã anaa ngo?” 28 Afei ɔhene bisaa no sɛ: “Wo haw ne sɛn?” Na ɔbaa no buaa sɛ: “Ɔbaa yi ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Fa wo ba bra ma yɛnwe no nnɛ, na ɔkyena me nso mede me ba bɛba ama yɛawe no.’+ 29 Enti yɛnoaa me ba no wee.+ Adeɛ kyeeɛ no, meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nso fa wo ba no bra ma yɛnwe.’ Nanso ɔde ne ba no kɔsieeɛ.”
30 Berɛ a ɔhene tee ɔbaa no asɛm no, ntɛm ara na ɔsuan n’ataadeɛ mu;+ berɛ a ɔnam ɔfasuo no so retwam no, ɔmanfoɔ no huu sɛ ɔfira awerɛhoɔ ntoma* wɔ n’ataadeɛ ase. 31 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ɛnnɛ sɛ mante Safat ba Elisa ti amfiri so a, Onyankopɔn ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho!”+
32 Ná Elisa te ne fie, na mpanimfoɔ no tete ne nkyɛn, ɛnna ɔhene no dii kan somaa obi kɔɔ hɔ. Bɔfoɔ no nnya nnuruu hɔ no, Elisa ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: “Moahu sɛ wudini+ ba no asoma sɛ wɔmmɛtwa me ti? Sɛ bɔfoɔ no bɛduru a, monhwɛ nto pono no mu, na monnyina akyire mpia, na wantumi amma mu. Enti ne wura di n’akyi reba yi, monte ne nan ase?” 33 Ɔgu so ne wɔn rekasa no, bɔfoɔ no bɛduruu ne nkyɛn. Ɛnna ɔhene no nso baeɛ, na ɔkaa sɛ: “Mmusuo yi firi Yehowa. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so twɛn Yehowa?”