2 Ahemfo
6 Na adiyifoɔ asefoɔ+ no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Hwɛ! Faako+ a yɛte wɔ wo nkyɛn ha yi sua dodo+ ma yɛn. 2 Yɛsrɛ wo, ma yɛnkɔ Yordan ho na yɛnkɔfa nnua mmaako mmaako nyɛ+ baabi wɔ hɔ na yɛntena hɔ.” Na ɔkaa sɛ: “Monkɔ ɛ.” 3 Na baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛsrɛ wo, bɛka wo nkoa ho ma yɛnkɔ.” Na ɔkaa sɛ: “Mɛkɔ.” 4 Enti ɔne wɔn siim kɔeɛ. Wɔkɔduruu Yordan ho, na wɔfirii aseɛ bubuu nnua+ no. 5 Ɛbaa sɛ berɛ a baako rebu ne dua no, akuma+ no hɔn tɔɔ nsuo no mu. Ɛnna ɔteaam sɛ: “O me wura,+ yɛkɔsrɛeɛ oo!”+ 6 Ɛnna nokorɛ Nyankopɔn nipa no bisaa no sɛ: “Ɛhe na ɛtɔeɛ?” Na ɔkyerɛɛ no hɔ. Ɛhɔ ara na ɔtwaa dua bi to too hɔ, na ɛmaa akuma no bɛtɛɛ ani.+ 7 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ma so fa.” Ntɛm ara na ɔtenee ne nsa faeɛ.
8 Na Siria hene+ ne Israel dii ako, na ɔne ne nkoa tuu agyina+ sɛ: “Ɛha ne ha na mo ne me bɛkyere nsraban.”+ 9 Ɛnna nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no soma kɔka kyerɛɛ Israel hene sɛ: “Hwɛ yie na woamfa ha,+ ɛfiri sɛ ɛha na Siriafoɔ nam reba.”+ 10 Enti Israel hene soma kɔɔ faako a nokorɛ Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no no.+ Ɔbɔɔ no kɔkɔ+ mprɛ pii, enti wankɔ hɔ.
11 Ɛnna Siria hene bo fuu asɛm yi ho,+ na ɔfrɛɛ ne nkoa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkyerɛ me deɛ ɔwɔ yɛn mu a ɔwɔ Israel hene afã.”+ 12 Na ne nkoa no baako kaa sɛ: “Me wura ɔhene, yɛn mu biara nni n’afã, na mmom ɛyɛ Elisa,+ odiyifoɔ a ɔwɔ Israel no na ɔka+ nsɛm a woka no wo pia mu+ no kyerɛ Israel hene.” 13 Enti ɔkaa sɛ: “Monkɔhwɛ baabi a ɔwɔ na mensoma nkɔfa no mmra.”+ Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ no akyire yi sɛ: “Ɔwɔ Dotan.”+ 14 Ɛhɔ ara na ɔsoma maa wɔde apɔnkɔ ne ɛko nteaseɛnam ne asraafoɔdɔm kɛseɛ+ kɔɔ hɔ. Wɔduruu hɔ anadwo, na wɔtwaa kuro no ho hyiaeɛ.
15 Berɛ a nokorɛ Nyankopɔn nipa no somfoɔ+ sɔree anɔpa na ɔfirii adie no, ɔnkɔhwɛ a, asraafoɔdɔm kɛseɛ bi na wɔde apɔnkɔ ne ɛko nteaseɛnam atwa kuro no ho ahyia yi. Ɛhɔ ara na ne somfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ao me wura!+ Yɛbɛyɛ dɛn?” 16 Nanso ɔkaa sɛ: “Nsuro,+ ɛfiri sɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sene wɔn a wɔka wɔn ho.”+ 17 Na Elisa bɔɔ mpaeɛ+ sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, bue n’ani+ na ɔnhunu.” Ntɛm ara na Yehowa buee ɔsomfoɔ no ani, na ɔhunuu deɛ ɛrekɔ soɔ; ɔbɛhwɛ a, egya apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ na ayɛ mmepɔ no so mã atwa Elisa ho nyinaa ahyia yi.+
18 Berɛ a nkurɔfoɔ no yɛɛ sɛ wɔreba Elisa soɔ no, ɔbɔɔ Yehowa mpaeɛ sɛ: “Mesrɛ wo, fa anifira bɔ ɔman yi.”+ Enti ɔde anifira bɔɔ wɔn sɛdeɛ Elisa kaeɛ no. 19 Afei Elisa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnyɛ kwan no nie, na ɛnyɛ kuro no nie. Monni m’akyi na memfa mo nkɔ barima a morehwehwɛ no no hɔ.” Nanso ɔdii wɔn anim de wɔn kɔɔ Samaria.+
20 Berɛ a wɔduruu Samaria ara pɛ, Elisa kaa sɛ: “O Yehowa, bue nkurɔfoɔ yi ani na wɔnhunu adeɛ.”+ Ntɛm ara na Yehowa buee wɔn ani, na wɔhunuu adeɛ; wɔnkɔhwɛ a, Samaria mfimfini na wɔwɔ yi. 21 Berɛ a Israel hene hunuu wɔn no, ɛhɔ ara na ɔbisaa Elisa sɛ: “Memmobɔ wɔn nku wɔn+ anaa, me papa,+ memmobɔ wɔn nku wɔn anaa?” 22 Nanso ɔkaa sɛ: “Mmobɔ wɔn nku wɔn. Wɔn a wode wo nkrantɛ ne w’agyan afa wɔn nnommum na ɛsɛ sɛ wokunkum wɔn anaa?+ Fa aduane ne nsuo si wɔn anim na wɔnnidi nnom+ na wɔnkɔ wɔn wura nkyɛn.” 23 Enti ɔtoo pono kɛseɛ maa wɔn; wɔdidi nomeeɛ, na ɛno akyi no ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔɔ wɔn wura nkyɛn. Siria afomfoɔ+ no ansan amma Israel asase so bio.
24 Yei akyi no Siria hene Ben-Hadad boaboaa n’asraafoɔdɔm nyinaa ano kɔtwaa+ Samaria ho hyiaeɛ. 25 Ankyɛ na ɛkɔm kɛseɛ bi sii Samaria.+ Wɔtwaa ho hyiaeɛ, na wɔtenaa hɔ kɔsii sɛ afei deɛ na afunumu ti+ mpo boɔ yɛ nnwetɛbena aduɔwɔtwe, na aborɔnoma bini,+ kab susudeɛ baako mu nkyɛmu nnan boɔ yɛ nnwetɛbena nnum. 26 Ɛbaa sɛ Israel hene retwam ɔfasuo no ho no, ɔbaa bi teaam ka kyerɛɛ no sɛ: “O me wura ɔhene, gye yɛn!”+ 27 Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Sɛ Yehowa annye wo a, ɛhe na mɛfa agye woɔ?+ Ayuporobea anaa baabi a wɔkyĩ nsã anaa ngo?” 28 Afei ɔhene bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na ɛha woɔ?” Na ɔbaa no buaa sɛ: “Ɔbaa yi ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Fa wo ba bra ma yɛnwe no nnɛ, na ɔkyena me nso mede me ba bɛba ama yɛawe no.’+ 29 Enti yɛnoaa+ me ba no weeɛ.+ Adeɛ kyeeɛ no, meka kyerɛɛ no sɛ, ‘Wo nso fa wo ba no bra ma yɛnwe no.’ Nanso ɔde ne ba no kɔhuntaeɛ.”
30 Na ɛbaa sɛ, berɛ a ɔhene tee ɔbaa no asɛm no, ntɛm ara na ɔsuanee+ n’atadeɛ mu; berɛ a ɔretwam ɔfasuo no ho no, ɔmanfoɔ no hunuu no, na hwɛ! ɔfira atweaatam n’atadeɛ ase. 31 Na ɔkaa sɛ: “Sɛ ɛnnɛ mema Safat ba Elisa ti tua so+ a, Onyankopɔn ntua me ka na ɔnsan mfa bi nka ho!”
32 Ná Elisa te ɔno ara ne fie, na mpanimfoɔ no tete ne nkyɛn+ na ɔhene no somaa obi dii n’anim kɔɔ hɔ. Ɔbɔfoɔ no nnya nnuruu ne nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: “Moahunu sɛ wudini+ ba no asoma sɛ wɔmmɛtwa me ti? Sɛ ɔbɔfoɔ no bɛduru pɛ a, monhwɛ nto pono no mu, na mompia pono no nsi no kwan. Ɛnyɛ ne wura nan ase pim pim+ na ɛdi n’akyi yi?” 33 Ɔgu so ne wɔn rekasa no, ɔbɔfoɔ no bɛduruu ne nkyɛn, na ɔhene no kaa sɛ: “Mmusuo yi firi Yehowa.+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so twɛn Yehowa?”+