Exodus 14:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monnsuro.+ Monnyina pintinn na monhwɛ sɛdeɛ Yehowa bɛgye mo nkwa nnɛ.+ Na Egyptfoɔ a mohunu wɔn nnɛ yi, morenhunu wɔn bio da.+ Dwom 3:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Merensuro nnipa mpempemA wɔatwa me ho ahyia.+ Dwom 11:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Yehowa ne me dwankɔbea.+Mobɛyɛ dɛn aka akyerɛ me kra sɛ:“Dwane sɛ anomaa kɔ mo bepɔ so!+ Dwom 18:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Yehowa ne me botan ne m’abandenden ne me Gyefoɔ.+Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na medwane metoa no,+Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.+ Dwom 118:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Wɔtwaa me ho hyiaeɛ, wɔtwaa me ho nyinaa hyiaeɛ.+Yehowa din mu na mepiaa wɔn guiɛ.
13 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monnsuro.+ Monnyina pintinn na monhwɛ sɛdeɛ Yehowa bɛgye mo nkwa nnɛ.+ Na Egyptfoɔ a mohunu wɔn nnɛ yi, morenhunu wɔn bio da.+
2 Yehowa ne me botan ne m’abandenden ne me Gyefoɔ.+Me Nyankopɔn yɛ me botan. Ɔno na medwane metoa no,+Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten.+