118 Monna Yehowa ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ,+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.+
2 Momma Israel nka sɛ:
“N’adɔeɛ wɔ hɔ daa.”+
3 Momma Aaron fiefoɔ nka sɛ:+
“N’adɔeɛ wɔ hɔ daa.”+
4 Momma wɔn a wɔsuro Yehowa no nka sɛ:+
“N’adɔeɛ wɔ hɔ daa.”+
5 M’ahohia mu na mefrɛɛ Yah;+
Yah gyee me so, na ɔde me kɔɔ deɛ ɛhɔ trɛ.+
6 Yehowa wɔ m’afã; merensuro.+
Ɛdeɛn na onipa dasani bɛtumi ayɛ me?+
7 Yehowa wɔ m’afã, m’aboafoɔ mu,+
Enti mɛhwɛ deɛ ɛbɛto m’atamfo.+
8 Ɛyɛ sɛ obi de Yehowa bɛyɛ ne dwankɔbea+
Sene sɛ ɔde ne ho bɛto onipa dasani soɔ.+
9 Ɛyɛ sɛ obi de Yehowa bɛyɛ ne dwankɔbea+
Sene sɛ ɔde ne ho bɛto adehyeɛ soɔ.+
10 Amanaman nyinaa twaa me ho hyiaeɛ.+
Yehowa din mu na mepiaa wɔn guiɛ.+
11 Wɔtwaa me ho hyiaeɛ, wɔtwaa me ho nyinaa hyiaeɛ.+
Yehowa din mu na mepiaa wɔn guiɛ.
12 Wɔtwaa me ho hyiaa sɛ nwowa,+
Nanso wɔdumiiɛ sɛ nkyɛkyerɛ gya.+
Yehowa din mu na mepiaa wɔn guiɛ.+
13 Wɔsum me sɛdeɛ mɛhwe aseɛ,+
Nanso Yehowa na ɔboaa me.+
14 Yah ne me huntabea ne m’ahoɔden,+
Na ɔno na wayɛ me nkwagyeɛ.+
15 Ahurisi dwom ne nkwagyeɛ+
Wɔ ateneneefoɔ+ ntomadan mu.+
Yehowa nsa nifa rekyerɛ ne tumi.+
16 Yehowa rema ne nsa nifa so;+
Yehowa nsa nifa rekyerɛ ne tumi.+
17 Merenwu; mɛkɔ so atena nkwa mu,+
Na maka Yah nnwuma ho asɛm.+
18 Yah tenee me so dendeenden,+
Nanso wamfa me anhyɛ owuo nsa.+
19 Mommue tenenee apono mma me.+
Mɛfa mu; mɛkamfo Yah.+
20 Yei ne Yehowa pono.+
Ateneneefoɔ na wɔbɛfa mu.+
21 Mɛkamfo wo, ɛfiri sɛ wogyee me so,+
Na wogyee me nkwa.+
22 Ɛboɔ a adansifoɔ poeɛ no+
Abɛyɛ tweatiboɔ.+
23 Yehowa hɔ na yei fire;+
Ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so.+
24 Yei ne da a Yehowa ayɛ;+
Yɛn ani bɛgye na yɛadi ahurisie saa da no.+
25 O Yehowa, yɛsrɛ wo, gye yɛn!+
O Yehowa, yɛsrɛ wo, ma ɛnsi yɛn yie!+
26 Nhyira ne Deɛ ɔreba Yehowa din mu;+
Yɛfiri Yehowa fie hyira mo.+
27 Yehowa ne Tweaduampɔn,+
Na ɔma yɛn hann.+
Monkyekyere nnua mman+ nkɔpem afɔrebukyia abɛn no so+
Wɔ afɔrebɔ santen no mu.+
28 Wone Tweaduampɔn, na mɛkamfo wo;+
Me Nyankopɔn ne wo, na mɛma wo so.+
29 Monna Yehowa ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ,+
Na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.+