118 Monna Yehowa ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ,+
Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.
2 Momma Israel nka sɛ:
“Ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”
3 Momma Aaron fiefoɔ nka sɛ:
“Ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”
4 Momma wɔn a wɔsuro Yehowa nka sɛ:
“Ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.”
5 Mesu frɛɛ Yah wɔ m’ahohia mu;
Yah gyee me so, na ɔde me kɔɔ baabi a bɔne biara renka me.+
6 Yehowa wɔ m’afã; merensuro.+
Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?+
7 Yehowa ne me boafoɔ a ɔwɔ m’afã;+
M’atamfo bɛhwe ase ama madi ahurisie.+
8 Ɛyɛ sɛ obi de Yehowa bɛyɛ ne dwankɔbea
Sene sɛ ɔde ne ho bɛto nnipa so.+
9 Ɛyɛ sɛ obi de Yehowa bɛyɛ ne dwankɔbea
Sene sɛ ɔde ne ho bɛto adehyeɛ so.+
10 Amanaman nyinaa twaa me ho hyiaeɛ,
Nanso Yehowa din nti,
Mekaa wɔn guiɛ.+
11 Wɔtwaa me ho hyiaeɛ; wɔkaa me hyɛɛ mu.
Nanso Yehowa din nti,
Mekaa wɔn guiɛ.
12 Wɔtwaa me ho hyiaa sɛ nwowa,
Nanso ntɛm ara na wɔdum sɛ gya a atɔ nsɔeɛ mu.
Yehowa din nti,
Mekaa wɔn guiɛ.+
13 Wɔsum me dendeenden sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛhwe ase,
Nanso Yehowa boaa me.
14 Yah ne me hintabea ne m’ahoɔden,
Na ɔno na wagye me nkwa.+
15 Ahurisi dwom ne nkwagyeɛ
Wɔ ateneneefoɔ ntomadan mu.
Yehowa nsa nifa rekyerɛ ne tumi.+
16 Yehowa apagya ne nsa nifa;
Yehowa nsa nifa rekyerɛ ne tumi.+
17 Merenwu; mɛkɔ so atena nkwa mu,
Na matumi aka Yah nnwuma ho asɛm.+
18 Yah tenee me so dendeenden,+
Nanso wamfa me anhyɛ owuo nsa.+
19 Mommue tenenee apono mma me;+
Mɛfa mu na makɔyi Yah ayɛ.
20 Wei ne Yehowa pono.
Ateneneefoɔ na wɔbɛfa mu.+
21 Mɛyi wo ayɛ, ɛfiri sɛ wogyee me so,+
Na wogyee me nkwa.
22 Ɛboɔ a adansifoɔ poeɛ no,
Ɛno na abɛyɛ ntwea so boɔ titire.+
23 Yehowa hɔ na wei firi;+
Ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so.+
24 Wei ne da a Yehowa ahyɛ;
Yɛn ani bɛgye na yɛadi ahurisie saa da no.
25 Yehowa, yɛsrɛ wo, gye yɛn!
Yehowa, yɛsrɛ wo, ma yɛnni nkonim!
26 Nhyira ne deɛ ɔba Yehowa din mu;+
Yɛhyira mo firi Yehowa fie.
27 Yehowa yɛ Onyankopɔn;
Ɔno na ɔma yɛn hann.+
Momfa nnua mman nkura, na monkɔka afahyɛ santen no ho+
Nkɔsi afɔrebukyia no mmɛn ho.+
28 Wone me Nyankopɔn, na mɛyi wo ayɛ;
Me Nyankopɔn, mɛkamfo wo.+
29 Monna Yehowa ase,+ ɛfiri sɛ ɔyɛ,
Na ne dɔ nni hwammɔ; ɛwɔ hɔ daa.+