-
1 Petro 2:4-7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
4 Ɔno na moba ne nkyɛn; ɔyɛ ɛboɔ a nkwa wom a nnipa apo no,+ nanso Onyankopɔn ayi no na ɔsom bo ma no,+ 5 na mo ara nso, moyɛ aboɔ a nkwa wom a wɔde mo resi honhom mu fie+ de mo ayɛ asɔfokuo kronkron, na moafa Yesu Kristo so abɔ honhom mu afɔreɛ+ a ɛsɔ Onyankopɔn ani.+ 6 Na Twerɛnsɛm no ka sɛ: “Hwɛ, mede ɛboɔ a wɔayi, ntwea so boɔ titire a ne boɔ yɛ den reto fapem wɔ Sion, na obiara a ɔnya mu gyidie no nsa rensi fam da.”*+
7 Enti mo mmom na ɔsom bo ma mo, ɛfiri sɛ moyɛ agyidifoɔ; na wɔn a wɔnnye nnie no deɛ, “ɛboɔ a adansifoɔ poeɛ no,+ ɛno na abɛyɛ ntwea so boɔ titire”*+
-