Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Korintofoɔ 3
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Korintofoɔ Mu Nsɛntitire

      • Korintofoɔ da so ara di ɔhonam akɔnnɔ akyi (1-4)

      • Onyankopɔn na ɔma no nyini (5-9)

        • Onyankopɔn mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ (9)

      • Fa nneɛma a egya ntumi nhyeɛ to si fapem no so (10-15)

      • Moyɛ Onyankopɔn asɔrefie (16, 17)

      • Wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm wɔ Onyankopɔn anim (18-23)

1 Korintofoɔ 3:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 2:15; Kol 1:9
  • +1Ko 14:20

1 Korintofoɔ 3:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 5:12-14

1 Korintofoɔ 3:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 8:7, 8
  • +Ga 5:19, 20

1 Korintofoɔ 3:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:24, 25

1 Korintofoɔ 3:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 3:5, 6; Kol 1:23; 1Ti 1:12

1 Korintofoɔ 3:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 18:4
  • +Aso 18:26-28; 19:1

1 Korintofoɔ 3:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 9:16

1 Korintofoɔ 3:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔ atirimpɔ baako.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 2:6; 1Ko 4:5; Adi 22:12

1 Korintofoɔ 3:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 2:22; 1Pe 2:5

1 Korintofoɔ 3:10

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɔdansini nyansafoɔ.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 15:20; Heb 6:1

1 Korintofoɔ 3:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 118:22; Yes 28:16; Mt 21:42; Efe 2:20; 1Pe 2:6

1 Korintofoɔ 3:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Pe 4:12

1 Korintofoɔ 3:15

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “ɛbɛyɛ sɛ deɛ ɔnam gya mu.”

1 Korintofoɔ 3:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 6:16; Efe 2:21; 1Pe 2:5
  • +1Ko 6:19

1 Korintofoɔ 3:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Pe 2:5

1 Korintofoɔ 3:18

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “berɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

1 Korintofoɔ 3:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Hio 5:13

1 Korintofoɔ 3:20

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 94:11

1 Korintofoɔ 3:22

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɔno ara na wɔfrɛ no Petro no.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 1:12

1 Korintofoɔ 3:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 17:9; 2Ko 10:7

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Kor. 3:11Ko 2:15; Kol 1:9
1 Kor. 3:11Ko 14:20
1 Kor. 3:2Heb 5:12-14
1 Kor. 3:3Ro 8:7, 8
1 Kor. 3:3Ga 5:19, 20
1 Kor. 3:4Aso 18:24, 25
1 Kor. 3:52Ko 3:5, 6; Kol 1:23; 1Ti 1:12
1 Kor. 3:6Aso 18:4
1 Kor. 3:6Aso 18:26-28; 19:1
1 Kor. 3:7Ro 9:16
1 Kor. 3:8Ro 2:6; 1Ko 4:5; Adi 22:12
1 Kor. 3:9Efe 2:22; 1Pe 2:5
1 Kor. 3:10Ro 15:20; Heb 6:1
1 Kor. 3:11Dw 118:22; Yes 28:16; Mt 21:42; Efe 2:20; 1Pe 2:6
1 Kor. 3:131Pe 4:12
1 Kor. 3:162Ko 6:16; Efe 2:21; 1Pe 2:5
1 Kor. 3:161Ko 6:19
1 Kor. 3:171Pe 2:5
1 Kor. 3:19Hio 5:13
1 Kor. 3:20Dw 94:11
1 Kor. 3:221Ko 1:12
1 Kor. 3:23Yoh 17:9; 2Ko 10:7
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
1 Korintofoɔ 3:1-23

Krataa a Ɛdi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ

3 Enti anuanom, mantumi ankasa ankyerɛ mo sɛ nnipa a Onyankopɔn honhom kyerɛ mo kwan,+ na mmom mekasa kyerɛɛ mo sɛ nnipa a wɔdi wɔn akɔnnɔ akyi, nnipa a wɔyɛ mmɔfra+ wɔ Kristo mu. 2 Nufoɔ na mede maa mo, ɛnyɛ aduane a ɛyɛ den, ɛfiri sɛ na mo ho nyɛ den. Na seesei mpo, mo ho nyɛ den,+ 3 ɛfiri sɛ moda so ara di ɔhonam akɔnnɔ akyi.+ Na berɛ a ahoɔyaa ne mansotwe wɔ mo mu yi, ɛnyɛ ɔhonam akɔnnɔ akyi na modi anaa,+ na ɛnyɛ sɛdeɛ wiase no nante na mo nso monante anaa? 4 Na sɛ obi ka sɛ, “Meyɛ Paul dea,” na obi foforɔ nso ka sɛ, “Meyɛ Apolo+ dea” a, ɛnyɛ deɛ wiase no yɛ no ara bi na mo nso moreyɛ anaa?

5 Ɛnneɛ, hwan ne Apolo? Na hwan ne Paul? Yɛyɛ asomfoɔ+ a yɛyɛ adwuma a Awurade de ahyɛ yɛn nsa, a monam yɛn so abɛyɛ agyidifoɔ. 6 Me deɛ, meduaeɛ,+ Apolo guguu so nsuo,+ nanso Onyankopɔn na ɔmaa no kɔɔ so nyiniiɛ. 7 Enti ɛnyɛ deɛ ɔdua na ɔyɛ biribi, ɛnna ɛnyɛ deɛ ɔgugu so nsuo nso, na mmom Onyankopɔn a ɔma no nyini no.+ 8 Deɛ ɔdua ne deɛ ɔgugu so nsuo no yɛ baako,* nanso wɔn mu biara bɛnya ɔno ara n’akatua sɛdeɛ ɔno ara n’adwuma teɛ.+ 9 Ɛfiri sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ. Moyɛ Onyankopɔn afuo, Onyankopɔn dan.+

10 Sɛdeɛ Onyankopɔn adom a menyaeɛ no teɛ no, metoo fapem+ sɛ ɔdansini a ɔnim adwuma paa,* nanso obi foforɔ na ɔreto asi so. Enti ma obiara nkɔ so nhwɛ sɛdeɛ ɔreto asi so no yie. 11 Ɛfiri sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛtumi ato fapem foforɔ biara, gye deɛ wɔato dada no. Ɛno ne Yesu Kristo.+ 12 Na sɛ obi de sika kɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔden aboɔ, nnua, serɛ, anaa wura a awo si fapem no so a, 13 obiara adwuma bɛda adi; ɛda a wɔbɛsɔ ahwɛ no na ɛbɛda adi, ɛfiri sɛ egya na ɛbɛma no ada adi,+ na egya na ɛbɛkyerɛ sɛdeɛ obiara sii ne dan. 14 Sɛ obi adwuma a wato asi fapem no so gyina a, ɔbɛnya akatua. 15 Sɛ obi adwuma hye a, ɔbɛhwere adeɛ, na ɔno ara deɛ, wɔbɛgye no nkwa; nanso ɛbɛyɛ sɛ deɛ wɔagye no afiri gya mu.*16 Monnim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔrefie,+ na Onyankopɔn honhom te mo mu+ anaa? 17 Sɛ obi sɛe Onyankopɔn asɔrefie a, Onyankopɔn bɛsɛe no; ɛfiri sɛ Onyankopɔn asɔrefie ho te, na asɔrefie no ne mo ara.+

18 Mma obiara nnnaadaa ne ho. Sɛ mo mu bi adwene yɛ no sɛ ɔyɛ onyansafoɔ wɔ wiase yi* mu a, ma no nyɛ kwasea, na watumi ayɛ onyansafoɔ. 19 Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm wɔ Onyankopɔn anim, ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Fidie a anyansafoɔ de wɔn aniteɛ asum no, ɔma no yi wɔn ara.”+ 20 Wɔatwerɛ bio sɛ: “Yehowa* nim sɛ anyansafoɔ nsusuiɛ yɛ kwa.”+ 21 Enti mma obiara mmfa deɛ nnipa tumi yɛ nnhoahoa ne ho, ɛfiri sɛ adeɛ nyinaa yɛ mo dea. 22 Paul oo, Apolo oo, Kefa* oo,+ wiase oo, nkwa oo, owuo oo, nneɛma a ɛwɔ hɔ nnɛ oo, nneɛma a ɛrebɛba oo, adeɛ nyinaa yɛ mo dea; 23 mo nso moyɛ Kristo dea;+ ɛnna Kristo nso yɛ Onyankopɔn dea.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane