Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 1 Korintofoɔ 2
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Korintofoɔ Mu Nsɛntitire

      • Paul kaa asɛmpa no wɔ Korinto (1-5)

      • Onyankopɔn nyansa sene wiase nyansa (6-10)

      • Onipa a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan, ne onipa a ɔdi n’akɔnnɔ akyi (11-16)

1 Korintofoɔ 2:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 1:17
  • +Efe 3:5, 6; Kol 2:2

1 Korintofoɔ 2:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 6:14

1 Korintofoɔ 2:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 15:18, 19; 1Ko 4:20; 1Te 1:5

1 Korintofoɔ 2:6

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “berɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:20; Efe 4:13; Heb 5:14
  • +1Ko 15:24

1 Korintofoɔ 2:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “mmerɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 16:25, 26; Efe 3:8, 9

1 Korintofoɔ 2:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “berɛ yi.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.

  • *

    Anaa “wɔammɔ Awurade a ɔwɔ animuonyam no asɛndua mu.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 7:48; Aso 13:27, 28

1 Korintofoɔ 2:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 64:4

1 Korintofoɔ 2:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 14:26; 1Yo 2:27
  • +Mt 16:17; Mr 4:11; Efe 3:5; 2Ti 1:9, 10; 1Pe 1:12
  • +Ro 11:33

1 Korintofoɔ 2:11

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “honhom.”

1 Korintofoɔ 2:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 15:26

1 Korintofoɔ 2:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Kol 2:8
  • +Yoh 16:13

1 Korintofoɔ 2:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 8:5

1 Korintofoɔ 2:16

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 40:13
  • +Ro 15:5

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Kor. 2:11Ko 1:17
1 Kor. 2:1Efe 3:5, 6; Kol 2:2
1 Kor. 2:2Ga 6:14
1 Kor. 2:4Ro 15:18, 19; 1Ko 4:20; 1Te 1:5
1 Kor. 2:61Ko 14:20; Efe 4:13; Heb 5:14
1 Kor. 2:61Ko 15:24
1 Kor. 2:7Ro 16:25, 26; Efe 3:8, 9
1 Kor. 2:8Yoh 7:48; Aso 13:27, 28
1 Kor. 2:9Yes 64:4
1 Kor. 2:10Yoh 14:26; 1Yo 2:27
1 Kor. 2:10Mt 16:17; Mr 4:11; Efe 3:5; 2Ti 1:9, 10; 1Pe 1:12
1 Kor. 2:10Ro 11:33
1 Kor. 2:12Yoh 15:26
1 Kor. 2:13Kol 2:8
1 Kor. 2:13Yoh 16:13
1 Kor. 2:15Ro 8:5
1 Kor. 2:16Yes 40:13
1 Kor. 2:16Ro 15:5
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
1 Korintofoɔ 2:1-16

Krataa a Ɛdi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofoɔ

2 Enti anuanom, berɛ a mebaa mo nkyɛn no, ɛnyɛ nsɛm akɛseɛ+ anaa nyansa a ɛtra so na mede bɛkaa Onyankopɔn ahintasɛm kronkron+ no kyerɛɛ mo. 2 Na berɛ a mewɔ mo nkyɛn no, mebɔɔ me tirim sɛ meremfa m’adwene nsi biribiara so, gye Yesu Kristo, ne bɔ a wɔbɔɔ no asɛndua mu no.+ 3 Na mede mmerɛyɛ ne ehu ne ahopopoɔ bebree na ɛbaa mo nkyɛn; 4 ɛnyɛ anyansasɛm a wɔde dɛfɛdɛfɛ nnipa na mede kasaeɛ, na ɛnyɛ ɛno na mede yɛɛ asɛnka adwuma no, na mmom honhom ne tumi ho adanseɛ na mede maeɛ,+ 5 na mo gyidie annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Onyankopɔn tumi so.

6 Na yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔanyini,+ nanso ɛnyɛ wiase yi* nyansa anaa wiase yi mu atumfoɔ a wɔbɛyi wɔn afiri hɔ no nyansa.+ 7 Mmom no, Onyankopɔn nyansa a wada no adi wɔ ahintasɛm kronkron+ bi mu no, ɛno ho asɛm na yɛka. Saa nyansa no, Onyankopɔn de sieeɛ, na ɔhyehyɛ too hɔ ansa na wiase yi* reba sɛ ɔde bɛhyɛ yɛn animuonyam. 8 Nyansa yi na wiase yi* atumfoɔ no mu biara anhunu,+ na sɛ wɔhunuiɛ a, anka wɔankum Awurade a ɔwɔ animuonyam no.* 9 Na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Nneɛma a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no, ani nhunuiɛ, na aso nteeɛ, na ɛmmaa nnipa akoma mu da.”+ 10 Na yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so+ ayi saa nneɛma no adi akyerɛ yɛn,+ ɛfiri sɛ honhom no hwehwɛ nneɛma nyinaa mu, Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no+ mpo mu.

11 Onipa bɛtumi ahunu deɛ ɛwɔ ne yɔnko nipa tirim anaa? Daabida. Deɛ ɛwɔ obi tirim deɛ, onii no akoma* nko ara na ɛnim. Saa ara na obiara rentumi nhunu deɛ ɛwɔ Onyankopɔn tirim, gye Onyankopɔn honhom. 12 Yɛn deɛ, ɛnyɛ wiase honhom na yɛnyaeɛ, na mmom honhom a ɛfiri Onyankopɔn hɔ,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛhu nneɛma a Onyankopɔn ayi ne yam de ama yɛn no. 13 Saa nneɛma yi na yɛn nso yɛka; ɛnyɛ nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ+ na yɛde ka, na mmom deɛ wɔde honhom no kyerɛkyerɛ,+ na yɛde honhom mu nsɛm kyerɛkyerɛ honhom mu nneɛma mu.

14 Nanso deɛ ɔdi n’akɔnnɔ akyi no nnye nneɛma a ɛfiri Onyankopɔn honhom mu no ntom, na ɛyɛ nkwaseasɛm ma no; na ɔrentumi nhunu mu, ɛfiri sɛ wɔde honhom na ɛhwehwɛ mu. 15 Na deɛ Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan deɛ, ɔhwehwɛ nneɛma nyinaa mu,+ nanso ɔno deɛ, onipa biara nhwehwɛ ne mu. 16 Na “hwan na wahu Yehowa* adwene a ɔbɛtumi akyerɛkyerɛ no?”+ Na yɛn deɛ, yɛwɔ Kristo adwene.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane