1 Korintofoɔ
3 Enti anuanom, mantumi ankasa ankyerɛ mo sɛ nnipa a Onyankopɔn honhom kyerɛ mo kwan,+ na mmom sɛ nnipa a wɔdi wɔn akɔnnɔ akyi, sɛ Kristo mu nkɔkoaa.+ 2 Nufosuo na mede maa mo, ɛnyɛ aduane paa,+ ɛfiri sɛ na mo ho nyɛ den. Na seesei mpo mo ho nyɛ den,+ 3 ɛfiri sɛ moda so ara di honam akɔnnɔ akyi.+ Na berɛ a ahoɔyaa ne ntawantawadie wɔ mo mu yi,+ ɛnyɛ honam akɔnnɔ akyi na modie, na monnante sɛ nnipa anaa?+ 4 Na sɛ obi ka sɛ: “Meyɛ Paulo dea,” na ɔfoforɔ nso ka sɛ: “Meyɛ Apolo dea”+ a, na monyɛ nnipa anaa?
5 Ɛnneɛ, Apolo+ ne hwan? Na Paulo nso ne hwan? Wɔyɛ asomfoɔ+ a monam wɔn so abɛyɛ agyidifoɔ, sɛdeɛ Awurade de ama wɔn mu biara no. 6 Me deɛ, meduaeɛ,+ Apolo guguu so nsuo,+ nanso Onyankopɔn na ɔmaa no nyiniiɛ;+ 7 enti ɛnyɛ deɛ ɔdua na ɔyɛ biribi+ na ɛnyɛ deɛ ɔgugu so nsuo nso, na mmom Onyankopɔn a ɔma no nyini no.+ 8 Na deɛ ɔdua ne deɛ ɔgugu so nsuo yɛ baako,+ na wɔn mu biara bɛnya n’akatua sɛdeɛ ɔno ara n’adwuma teɛ.+ 9 Na yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfoɔ adwumayɛfoɔ.+ Moyɛ Onyankopɔn afuo,+ Onyankopɔn dan.+
10 Sɛdeɛ Onyankopɔn adom+ a menyaeɛ no teɛ no, metoo fapem+ sɛ ɔdansifoɔ nyansafoɔ, na nipa foforɔ na ɔreto asi soɔ. Nanso obiara nhwɛ sɛdeɛ ɔde bɛsi soɔ no yie.+ 11 Na obiara nni hɔ a ɔbɛtumi ato fapem+ foforɔ biara sɛ deɛ wɔato dada a ɛne Yesu Kristo no.+ 12 Nanso sɛ obi de sika, dwetɛ, aboɔden aboɔ, nnua, ɛserɛ, anaa buronan si fapem no so a, 13 obiara adwuma bɛda adi, na ɛda no bɛyi no adi, ɛfiri sɛ egya na ɛbɛma no ada adie;+ na egya na ɛbɛkyerɛ sɛdeɛ obiara adwuma teɛ. 14 Sɛ obi adwuma a wato asi soɔ gyina a,+ ɔbɛnya akatua;+ 15 sɛ obi adwuma hye a, ɔbɛhwere adeɛ, na ɔno ara deɛ, wɔbɛgye no nkwa;+ nanso ɛbɛyɛ sɛ deɛ ɛnam gya mu.+
16 Monnim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔrefie+ na Onyankopɔn honhom te mo mu anaa?+ 17 Sɛ obi sɛe Onyankopɔn asɔrefie a, Onyankopɔn bɛsɛe no;+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn asɔrefie ho te,+ na asɔrefie no+ ne mo ara.+
18 Obiara nnnaadaa ne ho: Sɛ mo mu bi susu sɛ ɔyɛ onyansafoɔ+ wɔ wiase nhyehyɛeɛ yi mu a, ma no nyɛ kwasea, na watumi ayɛ onyansafoɔ.+ 19 Na wiase nyansa yɛ nkwaseasɛm Onyankopɔn anim;+ ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Ɔkye anyansafoɔ wɔn ara aniteɛ mu.”+ 20 Na bio nso: “Yehowa nim sɛ anyansafoɔ nsusuiɛ yɛ kwa.”+ 21 Enti obiara nnhoahoa ne ho wɔ nnipa mu; na adeɛ nyinaa yɛ mo dea,+ 22 Paulo oo, Apolo+ oo, Kefa oo, wiase oo, nkwa oo, owuo oo, nneɛma a ɛwɔ hɔ nnɛ oo, nneɛma a ɛrebɛba+ oo, adeɛ nyinaa yɛ mo dea; 23 mo nso moyɛ Kristo dea;+ na Kristo nso yɛ Onyankopɔn dea.+