1 Korintofoɔ
4 Momma nnipa mmu yɛn sɛ Kristo asomfoɔ+ ne Onyankopɔn ahuntasɛm kronkron+ so ahwɛfoɔ.+ 2 Afei nso yei mu no, deɛ wɔhwehwɛ firi efiehwɛfoɔ+ hɔ ne sɛ wɔbɛhunu sɛ ɔdi nokorɛ.+ 3 Na me deɛ, ɛyɛ me ade ketewa bi sɛ mo anaa nnipa badwa bi bɛsi me ho nkonnwa adi m’asɛm.+ Me mpo menkari me ho nhwɛ. 4 Ɛfiri sɛ mennim+ asɛm biara a ɛwɔ me ho. Nanso ɛno mma menni bem, na deɛ ɔdi m’asɛm ne Yehowa.+ 5 Enti mommmu biribiara ho atɛn+ ansa na berɛ no aduru, kɔsi sɛ Awurade bɛba;+ ɔno na ɔde deɛ ahunta esum mu bɛba hann mu+ na wayi akomam agyina adie,+ na ɛno na afei obiara bɛnya n’ayeyie afiri Onyankopɔn hɔ.+
6 Afei anuanom, mo nti madane asɛm no ama abɛfa me ne Apolo ho,+ na moasua asɛm yi wɔ yɛn ho sɛ: “Monnyɛ adeɛ nntra deɛ wɔatwerɛ”+ na moamma mo ho so+ ankɔ baako afã antia ɔfoforɔ.+ 7 Na hwan na ɔma woyɛ soronko?+ Ɛdeɛn koraa na wowɔ a woannya?+ Na sɛ nya na wonyaeɛ a,+ adɛn na wohoahoa wo ho+ sɛdeɛ woannya?
8 Sɛ́ moamee dada? Sɛ́ moanya mo ho dada?+ Sɛ́ moafiri aseɛ redi adeɛ+ a yɛnka ho? Me yam a anka moafiri aseɛ redi adeɛ ampa, na yɛn nso yɛaka mo ho ne mo adi adeɛ.+ 9 Na ɛyɛ me sɛ Onyankopɔn de yɛn a yɛyɛ asomafoɔ no atwa toɔ ayi yɛn akyerɛ+ sɛ wɔn a wɔayi wɔn ama owuo,+ ɛfiri sɛ yɛayɛ ahwɛdeɛ+ ama wiase ne abɔfoɔ+ ne nnipa.+ 10 Kristo nti yɛyɛ nkwaseafoɔ,+ na mo deɛ, moyɛ anyansafoɔ+ wɔ Kristo mu; yɛyɛ mmerɛ,+ na mo deɛ, moyɛ den;+ mowɔ din pa,+ na yɛn deɛ, yɛnni anidie.+ 11 Ɛde bɛsi dɔn yi mu, yɛdi kɔm+ ne sukɔm,+ yɛdeda adagya,+ wɔyɛ yɛn basabasa,+ na yɛnni baabi te,+ 12 na yɛbrɛ+ de yɛn ara yɛn nsa yɛ adwuma.+ Sɛ wɔsopa yɛn a, yɛhyira;+ sɛ wɔtaa yɛn a, yɛgyina mu;+ 13 sɛ wɔsɛe yɛn din a, yɛsrɛ;+ yɛayɛ sɛ wiase sumina, nneɛma nyinaa mu nwura dodoɔ de bɛsi nnɛ.+
14 Merentwerɛ nsɛm yi mmɛhyɛ mo aniwuo, na mmom mede rebɛtu mo fo sɛ me mma adɔfo.+ 15 Sɛ mowɔ akyerɛkyerɛfoɔ+ mpem du wɔ Kristo mu mpo a, nokorɛm no, monni agyanom bebree;+ na menam asɛmpa no so ayɛ mo agya wɔ Kristo Yesu mu.+ 16 Enti metu mo fo sɛ monsuasua me.+ 17 Enti na meresoma Timoteo a ɔyɛ me ba dɔfo+ ne ɔnokwafoɔ Awurade mu aba mo nkyɛn;+ na ɔno na ɔbɛtwe mo adwene aba akwan a mefa so wɔ Kristo Yesu mu+ no so, sɛdeɛ merekyerɛkyerɛ baabiara wɔ asafo biara mu no.
18 Ebinom ama wɔn ho so+ te sɛ deɛ meremma mo nkyɛn. 19 Nanso sɛ Yehowa pɛ a,+ mɛba mo nkyɛn ntɛm, na mabɛhunu wɔn a wɔama wɔn ho soɔ no tumi, ɛnyɛ wɔn kasa nko. 20 Na Onyankopɔn ahennie nnyina kasa so, na mmom tumi so.+ 21 Ɛdeɛn na mopɛ? Memfa abaa mmra mo nkyɛn,+ anaa ɔdɔ ne ɔdwoɔ honhom?+