19 Enti afei monyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ bio,+ na mmom mo ne akronkronfoɔ a wɔaka nyinaa yɛ ɔman mma,+ na moyɛ Onyankopɔn fiefoɔ,+ 20 na moayɛ sɛ ɛdan a wɔasi no fapem a ɛno ne asomafoɔ ne adiyifoɔ no so,+ na Kristo Yesu ankasa ne ntwea so boɔ titire no.+