Ɔde Kɔmaa Efesofoɔ
2 Afei nso, na moawu wɔ mo mfomsoɔ ne mo bɔne mu, nanso Onyankopɔn ama moaba nkwa mu.+ 2 Berɛ bi, na monante sɛdeɛ wiase yi teɛ;*+ ɔpanin a ɔde ne tumi akɛntɛn mframa a ɛrebɔ no so+ no, monantee sɛdeɛ ɔpɛ. Saa mframa no ne honhom+ a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma mu no. 3 Yɛn nyinaa, berɛ bi, saa na yɛbɔɔ yɛn bra; yɛdii yɛn honam akɔnnɔ akyi,+ na yɛyɛɛ deɛ yɛn honam ne yɛn nsusuiɛ kyerɛɛ yɛn.+ Afei nso, na yɛyɛ abufuo mma+ firi awoɔ mu te sɛ wɔn a aka no ara. 4 Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborɔhunu dɔɔso+ no, ɛsiane ɔdɔ kɛseɛ a wayi no adi akyerɛ yɛn+ nti, 5 berɛ mpo a na yɛawu wɔ mfomsoɔ mu+ no, ɔmaa yɛne Kristo nyaa nkwa; wɔnam adom so na agye mo. 6 Bio nso, Onyankopɔn ama yɛanya nkwa, na wama yɛn baabi a yɛbɛtena wɔ ɔsoro, ɛfiri sɛ wama yɛne Kristo Yesu nyinaa ayɛ baako.+ 7 Onyankopɔn yɛɛ saa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wiase a ɛreba* no mu no, n’ayamyɛ* nti, ɔbɛyi n’adom bebrebe* no adi akyerɛ yɛn a yɛne Kristo Yesu ayɛ baako no.
8 Adom yi nti wɔnam gyidie so agye mo nkwa.+ Ɛnyɛ mo ara mo mmɔdemmɔ ntira, na mmom ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ. 9 Daabi, ɛnnyina nnwuma a obi yɛ so,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rennya biribi nnyina so nhoahoa ne ho. 10 Yɛyɛ Onyankopɔn nsa ano adwuma, na ɔbɔɔ yɛn+ wɔ Kristo Yesu mu+ sɛ yɛnyɛ nnwuma pa, nnwuma a Onyankopɔn hyɛ too hɔ sɛ yɛnyɛ no.*
11 Enti monkae sɛ berɛ bi a atwam no, na moyɛ amanaman mufoɔ firi awoɔ mu,* na wɔn a nnipa atwa wɔn twetia* a wɔfrɛ wɔn “twetiafoɔ” no frɛɛ mo “momonotofoɔ.”* 12 Saa berɛ no, na monnim Kristo; ná moyɛ nkurɔfoɔ a wɔne Israel man no ntam ateteɛ; bɔhyɛ no ho apam+ ahodoɔ no nso, na monka ho. Afei nso, na mowɔ wiase no mu a monni anidasoɔ biara, na na monnim Onyankopɔn.+ 13 Nanso mo a berɛ bi na mowɔ akyirikyiri no, afei mo ne Kristo Yesu ayɛ baako, na monam Kristo mogya so abɛn Onyankopɔn. 14 Kristo na wama yɛn asomdwoeɛ,+ na wayɛ akuo mmienu no baako+ adwiri fasuo a na ɛtwa wɔn ntam no agu.+ 15 Ɔde ne nipadua bɛsɛee nitan no, kyerɛ sɛ, Mmara nsɛm a ahyɛdeɛ ahodoɔ wom no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛma akuo mmienu no nyinaa ne no abom ayɛ onipa foforɔ,+ na ɛde asomdwoeɛ aba; 16 ɛno bɛma wafa asɛndua* no so asiesie akuo mmienu no ne Onyankopɔn ntam,+ na akuo no abom wɔ nipadua korɔ mu, ɛfiri sɛ ɔde ne nipadua kum nitan no.+ 17 Na ɔbɛkaa asomdwoeɛ ho asɛmpa kyerɛɛ mo a berɛ bi na mowɔ akyirikyiri ne wɔn a na wɔbɛn Onyankopɔn no, 18 ɛfiri sɛ akuo mmienu no nyinaa, ɔno na yɛnam ne so ba Agya no nkyɛn ɛsiane honhom korɔ no nti.
19 Enti afei monyɛ ahɔhoɔ ne amamfrafoɔ bio,+ na mmom mo ne akronkronfoɔ a wɔaka nyinaa yɛ ɔman mma,+ na moyɛ Onyankopɔn fiefoɔ,+ 20 na moayɛ sɛ ɛdan a wɔasi no fapem a ɛno ne asomafoɔ ne adiyifoɔ no so,+ na Kristo Yesu ankasa ne ntwea so boɔ titire no.+ 21 Yɛne no ayɛ baako, na ɛdan no ho biribiara akeka asi ani pɛpɛɛpɛ+ ma no reyɛ asɔrefie kronkron ama Yehowa.*+ 22 Waka mo ne Kristo abom ayɛ baako, na wɔresi mo nso abom ama no ayɛ baabi a Onyankopɔn nam ne honhom so bɛtena.+