Efesofoɔ
2 Afei nso, mo na Onyankopɔn ama moaba nkwa mu, berɛ a na moawu mo mfomsoɔ ne mo bɔne mu no,+ 2 na emu na berɛ bi monantee sɛdeɛ wiase nhyehyɛeɛ+ yi teɛ, sɛdeɛ mframa a ɛrebɔ no panin+ no tumi teɛ; ɛno ne honhom+ a seesei ɛyɛ adwuma wɔ asoɔden mma+ mu no. 3 Aane, wɔn mu na berɛ bi yɛn nyinaa bɔɔ yɛn bra sɛdeɛ yɛn honam akɔnnɔ+ teɛ, na yɛyɛɛ deɛ ɔhonam ne nsusuiɛ pɛ,+ a na yɛfiri awosuo mu yɛ abufuo mma+ te sɛ wɔn a aka no ara. 4 Nanso Onyankopɔn a ne mmɔborɔhunu dɔɔso+ no nam ɔdɔ kɛseɛ a ɔdɔɔ yɛn+ no so, 5 ama yɛaka Kristo ho anya nkwa, berɛ a na yɛawu wɔ mfomsoɔ mu+ mpo no—wɔnam adom so na agye mo+— 6 na wanyane yɛne no+ na ɔde yɛn abom atena ɔsoro atenaeɛ+ wɔ Kristo Yesu mu, 7 sɛdeɛ ɛbɛyɛ na berɛ* a ɛreba+ no mu no, wɔbɛyi n’adom ahonyadeɛ+ a ɛboro so wɔ n’ayamyɛ mu no adi akyerɛ yɛn wɔ Kristo Yesu mu.+
8 Adom yi na ama wɔnam gyidie+ so agye mo nkwa; na ɛmfiri mo,+ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ.+ 9 Dabi, ɛmfiri nnwuma mu,+ na obiara annya biribi annyina so anhoahoa ne ho.+ 10 Na yɛyɛ ne nsa ano adwuma,+ na ɔbɔɔ yɛn+ Kristo Yesu mu+ maa nnwuma pa+ a Onyankopɔn asiesie ato hɔ+ sɛ yɛnnante mu no.
11 Enti momma no ntena mo adwenem daa sɛ berɛ bi a atwam no na moyɛ amanaman mufoɔ wɔ honam mu;+ ná wɔn a wɔfrɛ wɔn “twetiatwa” a nsa na wɔde twaa no honam mu no frɛ mo “momonoto.”+ 12 Na monkae sɛ saa berɛ no na monnim Kristo;+ ná moyɛ nkurɔfoɔ a wɔne Israel man nni twaka;+ na moyɛ bɔhyɛ apam+ ahodoɔ no ho ananafoɔ; na monni anidasoɔ+ biara, na na monnim Onyankopɔn wɔ wiase.+ 13 Nanso mo a berɛ bi na mowɔ akyirikyiri a seesei mowɔ Kristo Yesu mu yi, monam Kristo mogya+ so abɛn. 14 Na ɔno ne yɛn asomdwoeɛ,+ deɛ wayɛ akuo mmienu+ no baako+ na wasɛe fasuo+ a na ɛtwa wɔn ntam+ no. 15 Ɔnam ne honam+ so yii nitan,+ Mmara nsɛm a ahyɛdeɛ+ ahodoɔ wom no firii hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛka akuo mmienu+ no abom wɔ ne mu ayɛ no onipa foforɔ,+ na asomdwoeɛ aba; 16 na afei wafa asɛndua+ no so aka akuo mmienu no abom+ wɔ nipadua korɔ+ mu aba Onyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔde ne ho akum nitan+ no. 17 Na ɔbɛkaa asomdwoeɛ ho asɛmpa+ kyerɛɛ mo a mowɔ akyirikyiri ne asomdwoeɛ kyerɛɛ wɔn a wɔbɛn,+ 18 ɛfiri sɛ ɔno na ama yɛn, akuo mmienu no nyinaa,+ atumi aba Agya no nkyɛn;+ yɛnam honhom baako+ so.
19 Ɛnneɛ afei monyɛ ananafoɔ+ ne ahɔhoɔ+ bio, na mmom mo ne akronkronfoɔ+ nyinaa yɛ ɔman mma,+ na moyɛ Onyankopɔn fiefoɔ,+ 20 na wɔato mo asi asomafoɔ+ ne adiyifoɔ+ no fapem+ a Kristo Yesu no ara ne ntwea boɔ+ titire no so. 21 Ne mu na wɔama ɛdan mũ no asisi so pɛpɛɛpɛ,+ na ɛrepagya ayɛ asɔrefie kronkron ama Yehowa.+ 22 Ne mu+ na wɔreto mo nso abom ama ayɛ baabi a Onyankopɔn bɛtena wɔ honhom mu.+