Efesofoɔ
3 Yei nti me Paulo, meyɛ Kristo Yesu deduani+ ma mo, amanaman mufoɔ+— 2 ampa ara moate Onyankopɔn adom ho efiehwɛ adwuma+ a mo nti wɔde adom me no, 3 sɛ wɔnam adiyie so maa mehunuu ahuntasɛm kronkron no,+ sɛdeɛ madi kan atwerɛ ho asɛm kakra dada no. 4 Ɛno nti sɛ mokenkan yei a, mobɛtumi ahunu Kristo ahuntasɛm kronkron+ no mu nteaseɛ+ a mewɔ. 5 Awoɔ ntoatoasoɔ afoforɔ mu no wɔamma nnipa mma anhunu ahuntasɛm+ yi sɛdeɛ seesei wɔnam honhom so ayi akyerɛ+ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ+ kronkron no, 6 sɛ ɛsɛ sɛ amanaman mufoɔ nso fa asɛmpa no so bɛyɛ mfɛfoɔ adedifoɔ ne nipadua+ no ho akwaa na wɔne yɛn nyinaa anya bɔhyɛ no mu kyɛfa+ wɔ Kristo Yesu mu. 7 Mebɛyɛɛ yei ho somfoɔ+ sɛdeɛ Onyankopɔn adom akyɛdeɛ teɛ; deɛ wɔde maa me sɛdeɛ ne tumi yɛ adwuma+ no.
8 Me a mewɔ fam sene deɛ ɔsua koraa+ wɔ akronkronfoɔ nyinaa mu no na wɔde adom+ yi ama me sɛ menka Kristo ahonyadeɛ+ a ɛnni ano ho asɛmpa no nkyerɛ amanaman+ no 9 na memma nnipa nhunu sɛdeɛ wɔda ahuntasɛm kronkron+ no adie,+ deɛ wɔde ahunta firi teteete wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa+ mu no. 10 Saa kwan no so no, wɔnam asafo no so bɛma nnisoɔ ne tumi+ a ɛwowɔ ɔsoro atenaeɛ ahunu+ Onyankopɔn nyansa a ɛgu ahodoɔ pii+ no, 11 sɛdeɛ ne daa atirimpɔ a ɔdii ho dwuma wɔ Kristo a ɔne yɛn Awurade Yesu mu+ no teɛ; 12 ɔno so na yɛnam kasa nnam soɔ, na yɛnam ne mu gyidie a yɛwɔ no so tumi kɔ Onyankopɔn anim+ ahotɔsoɔ mu. 13 Enti mesrɛ sɛ mommma ahohia a mo nti merehyia yi mmmu mo abam,+ ɛfiri sɛ ɛyɛ animuonyam ma mo.
14 Yei nti mebu nkotodwe+ wɔ Agya+ 15 a ne nkyɛn na abusua+ biara a ɛwɔ soro ne asase so nya ne din+ no anim, 16 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔde n’animuonyam ahonyadeɛ+ bɛma mo mu nipa+ no ayɛ den wɔ ne honhom no tumi soɔ,+ 17 na Kristo nam mo gyidie so atena mo akomam aka ɔdɔ+ ho; na ama moagye nhini,+ na moatintim wɔ fapem+ no so, 18 na mo ne akronkronfoɔ nyinaa atumi ahunu+ ne tɛtrɛtɛ ne ne tenten ne ne sorokɔ ne sɛdeɛ emu dɔ yie,+ 19 na moahunu Kristo dɔ+ a ɛkyɛn nimdeɛ no, na deɛ Onyankopɔn de ma obi di mũ nyinaa ayɛ mo mã.+
20 Na deɛ ɔtumi yɛ adeɛ ma ɛkyɛn deɛ yɛsrɛ anaa yɛsusu koraa+ sɛdeɛ ne tumi a ɛyɛ adwuma+ yɛn mu teɛ no, 21 ɔno na animuonyam mfa asafo no ne Kristo Yesu so nka no daa daa+ wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Amen.