21 Enti ɔsan firii n’akyi, na ɔfaa anantwie no mmienu kuu*+ wɔn, na ɔde nnua a na ɛsosɔ+ anantwie no mu yɛɛ nnyina noaa wɔn nam, na ɔde maa nkurɔfoɔ no maa wɔdiiɛ. Ɛno akyi no, ɔsɔre kɔdii Elia akyi, na ɔsom+ no.
11 Ɛnna Yehosafat bisaa sɛ:+ “Yehowa diyifoɔ biara nni ha anaa?+ Momma yɛmfa ne so mmisa Yehowa.”+ Na Israel hene nkoa no baako buaa sɛ: “Safat ba Elisa+ a na ɔde nsuo gu Elia nsa soɔ+ no wɔ ha.”