2 Ahemfo
3 Ahab ba Yehoram+ bɛyɛɛ Israel hene wɔ Samaria, Yuda hene Yehosafat afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu, na ɔdii adeɛ mfeɛ dumienu. 2 Ɔyɛɛ Yehowa ani+ so bɔne, to na anto ne papa+ ne ne maame deɛ no; na Baal honi+ a ne papa yɛeɛ+ no, ɔyi firii hɔ. 3 Nanso ɔfam Nebat ba Yeroboam bɔne+ a ɔyɛeɛ a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne+ no ho. Wantwe ne ho amfiri ho.
4 Moab hene Mesa+ nso, na ɔwɔ nnwan, na ɔtuaa nnwammaa mpem ɔha ne adwennini a wɔntwitwaa wɔn ho nwi mpem ɔha maa Israel hene. 5 Na ɛbaa sɛ berɛ a Ahab wuiɛ+ no, ɛhɔ ara na Moab hene tee Israel hene so atua.+ 6 Enti saa berɛ no, Ɔhene Yehoram siim firii Samaria kɔboaboaa+ Israel nyinaa ano. 7 Bio nso, ɔsoma kɔɔ Yuda hene Yehosafat nkyɛn sɛ: “Moab hene ate me so atua. Wo ne me bɛkɔ ne Moab akɔko?” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mɛkɔ.+ Me ne wo nyinaa yɛ nipa baako. Me man ne wo man nso yɛ baako.+ M’apɔnkɔ ne w’apɔnkɔ yɛ baako.” 8 Afei ɔbisaa no sɛ: “Ɛkwan pɔtee bɛn na yɛbɛfa so akorɔ?” Na ɔkaa sɛ: “Edom+ serɛ so kwan no.”
9 Israel hene ne Yuda hene ne Edom+ hene siim kɔeɛ; wɔbɔɔ aporɔ twaa nnanson kwan, na na nsuo nni hɔ mma dɔm no ne mmoa a wɔdi wɔn akyi no. 10 Ɛnna Israel hene kaa sɛ: “Anyɛ yie! Yehowa aboa ahemfo mmiɛnsa yi ano sɛ ɔde wɔn rebɛhyɛ Moabfoɔ nsa!”+ 11 Ɛnna Yehosafat bisaa sɛ:+ “Yehowa diyifoɔ biara nni ha anaa?+ Momma yɛmfa ne so mmisa Yehowa.”+ Na Israel hene nkoa no baako buaa sɛ: “Safat ba Elisa+ a na ɔde nsuo gu Elia nsa soɔ+ no wɔ ha.” 12 Ɛnna Yehosafat kaa sɛ: “Yehowa asɛm wɔ n’anom.” Enti Israel hene ne Yehosafat ne Edom hene kɔɔ ne nkyɛn.
13 Na Elisa bisaa Israel hene sɛ: “Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ?+ Kɔ wo papa adiyifoɔ+ ne wo maame adiyifoɔ no hɔ.” Nanso Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: “Nka saa, ɛfiri sɛ Yehowa aboa ahemfo mmiɛnsa yi ano sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Moabfoɔ nsa.”+ 14 Ɛnna Elisa kaa sɛ: “Sɛ́ asafo Yehowa a megyina n’anim no te aseɛ yi,+ sɛ ɛnyɛ Yuda hene Yehosafat na mede m’ani ato n’anim a,+ anka merenhwɛ wo mpo na mahu wo.+ 15 Monkɔhwehwɛ sankubɔfoɔ mmrɛ me.” Na berɛ a sankubɔfoɔ no bɔɔ sankuo+ no, Yehowa nsa+ baa ne so. 16 Na ɔtoaa so kaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Montutu amena wɔ subɔn yi mu baabiara;+ 17 na Yehowa aka sɛ: “Morenhunu mframa, na morenhunu sɛ nsuo retɔ; nanso nsuo bɛhyɛ subɔn yi ma,+ na mobɛnom nsuo afiri mu,+ mo ne mo nyɛmmoa ne mo afieboa.”’ 18 Na yei bɛyɛ adeɛ ketewaa bi Yehowa ani so,+ na ɔde Moabfoɔ bɛhyɛ mo nsa.+ 19 Kuro a wɔabɔ ho ban+ ne kuro pa biara, mommɔ no, na montwa+ dua pa+ biara, na monsisi nsuo aniwa nyinaa, na momfa aboɔ nsɛe asase pa biara.”
20 Na ɛbaa sɛ anɔpa,+ berɛ a wɔbɔ aduane afɔdeɛ no,+ hwɛ! nsuo firi Edom fam baeɛ, na nsuo hyɛɛ asase no so ma.
21 Moabfoɔ nyinaa tee sɛ ahemfo no aba sɛ wɔne wɔn rebɛko. Enti wɔfrɛfrɛɛ mmarima, ɛfiri wɔn a wɔtumi kura akodeɛ+ so rekorɔ nyinaa, na wɔkɔgyinagyinaa hyeɛ so. 22 Berɛ a wɔsɔree anɔpahema no, awia tɔɔ nsuo no so, na Moabfoɔ a wɔgyinagyina ɛfã nohoa no hunuu sɛ nsuo no ayɛ kɔɔ sɛ mogya. 23 Ɛnna wɔkaa sɛ: “Mogya! Ahemfo no atotɔ nkrantɛ ano; wɔakunkum wɔn ho. Enti Moabfoɔ, monkɔfa asadeɛ!”+ 24 Berɛ a wɔbaa Israelfoɔ nsraban mu no, ɛhɔ ara na Israelfoɔ+ no sɔre to hyɛɛ Moabfoɔ no soɔ, na wɔdwane firii wɔn anim.+ Ɛno nti wɔbaa Moabfoɔ mu, na wɔreba nyinaa na wɔrekunkum Moabfoɔ no. 25 Wɔbɔɔ nkuro+ no, na wɔn nyinaa totoo wɔn aboɔ guguu asase pa biara so de hyɛɛ so ma; wɔsisii nsuo aniwa+ nyinaa na wɔtwitwaa nnua pa+ nyinaa kɔsii sɛ ɛkaa Kir-Hareset+ aboɔ nko wɔ hɔ; ataaboɔ tofoɔ kɔtwaa ho hyiaeɛ, na wɔfirii aseɛ sɛee no.
26 Berɛ a Moab hene hunuu sɛ ɛko no mu ayɛ den ama no no, ɛhɔ ara na ɔfaa mmarima ahanson a wɔkurakura nkrantɛ sɛ ɔrekɔ Edom hene+ so, nanso wɔantumi. 27 Ɛnna ɔfaa n’abakan a ɔbɛdi n’adeɛ de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ+ ɔfasuo no ho. Na abufuo kɛseɛ baa Israel so, na wɔfirii ne ho kɔɔ wɔn asase so.