31 Nyɛ biribi a ɛte saa Yehowa wo Nyankopɔn anim,+ ɛfiri sɛ deɛ Yehowa wo Nyankopɔn kyire na ɛyɛ no tan nyinaa na wɔyɛ ma wɔn anyame. Wɔde wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa mpo bɔ afɔdeɛ wɔ gya mu daa ma wɔn anyame.+
7 Saa berɛ no na Solomon sii sorɔnsorɔmmea+ maa Kemos,+ Moabfoɔ atantanneɛ+ no, wɔ bepɔ+ a ɛwɔ Yerusalem anim+ no soɔ, na ɔsii bi nso maa Molek, Ammonfoɔ atantanneɛ no.
3 Ɔhyee afɔrebɔdeɛ+ wɔ Hinom ba bɔn+ no mu, na ɔhyee ne mma+ wɔ gya mu nam so yɛɛ akyiwadeɛ+ a amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim no yɛeɛ no bi.+