13 Na Elisa bisaa Israel hene sɛ: “Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ?+ Kɔ adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm ma wo papa ne wo maame no hɔ.”+ Nanso Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: “Nka saa, ɛfiri sɛ ahemfo mmiɛnsa yi, Yehowa na waboaboa yɛn ano sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Moabfoɔ nsa.”