Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
3 Yuda hene Yehosafat ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu no, Ahab ba Yehoram+ bɛyɛɛ Israel hene wɔ Samaria, na ɔdii adeɛ mfeɛ 12. 2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne, nanso anto ne papa ne ne maame deɛ no, ɛfiri sɛ Baal bosom dum a ne papa yɛeɛ no,+ ɔyi firii hɔ. 3 Nanso bɔne a Nebat ba Yeroboam maa Israel yɛeɛ no,+ ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ. Wantwe ne ho amfiri ho.
4 Moab hene Mesa nso, na ɔwɔ nnwan, na na ɔde bi tua toɔ ma Israel hene; ná ɔma no nnwan mma 100,000 ne adwennini a wɔntwitwaa wɔn ho nwi 100,000. 5 Berɛ a Ahab wuiɛ no,+ ɛhɔ ara na Moab hene tee atua tiaa Israel hene.+ 6 Enti saa berɛ no, Ɔhene Yehoram firii Samaria kɔboaboaa Israel nyinaa ano. 7 Afei nso, ɔsoma kɔɔ Yuda hene Yehosafat nkyɛn sɛ: “Moab hene ate atua atia me. Wo ne me bɛkɔ ne Moab akɔko anaa?” Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mɛkɔ.+ Me ne wo nyinaa yɛ nipa baako. Me man ne wo man nso yɛ baako. M’apɔnkɔ ne w’apɔnkɔ yɛ baako.”+ 8 Afei ɔbisaa no sɛ: “Ɛkwan bɛn na yɛmfa so?” Na ɔno nso kaa sɛ: “Edom serɛ so kwan no.”
9 Israel hene ne Yuda hene ne Edom+ hene siim kɔe; berɛ a wɔde nnanson nantenanteeɛ no, afei na wɔnnya nsuo mma dɔm no ne mmoa a wɔdi wɔn akyi no nnom. 10 Ɛnna Israel hene kaa sɛ: “Awerɛhosɛm! Yehowa aboa ahemfo mmiɛnsa yi ano sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Moabfoɔ nsa!” 11 Ɛnna Yehosafat bisaa sɛ: “Yehowa diyifoɔ biara nni ha a yɛbɛtumi afa ne so abisa Yehowa anom asɛm anaa?”+ Na Israel hene nkoa no baako buaa sɛ: “Safat ba Elisa+ a na ɔde nsuo gu Elia nsa so*+ no wɔ ha.” 12 Ɛnna Yehosafat kaa sɛ: “Yehowa asɛm wɔ n’anom.” Enti Israel hene ne Yehosafat ne Edom hene kɔɔ ne nkyɛn.
13 Na Elisa bisaa Israel hene sɛ: “Ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ?+ Kɔ adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm ma wo papa ne wo maame no hɔ.”+ Nanso Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: “Nka saa, ɛfiri sɛ ahemfo mmiɛnsa yi, Yehowa na waboaboa yɛn ano sɛ ɔde yɛn rebɛhyɛ Moabfoɔ nsa.” 14 Ɛnna Elisa kaa sɛ: “Sɛ́ asafo Yehowa a mesom no* no te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yuda hene Yehosafat+ na mede m’ani ato n’anim a, anka merenhwɛ wo mpo na mahu wo.+ 15 Monkɔpɛ sankubɔfoɔ* mmrɛ me.”+ Berɛ a sankubɔfoɔ no firii aseɛ bɔɔ sankuo no, Yehowa honhom* baa ne so.+ 16 Na ɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Montutu amena wɔ subɔn yi mu baabiara; 17 na Yehowa aka sɛ: “Mframa remmɔ na nsuo nso rentɔ, nanso nsuo bɛhyɛ subɔn yi ma,+ na mo ne mo nyɛmmoa ne mo mmoa a aka nyinaa bɛnom emu nsuo.”’ 18 Nanso wei yɛ ade ketewa wɔ Yehowa ani so,+ na ɔde Moabfoɔ nso bɛhyɛ mo nsa.+ 19 Kuro a wɔabɔ ho ban+ ne kuro pa biara, monsɛe no. Montwa dua pa biara ntwene, nsuo aniwa nyinaa monsisi no, na momfa aboɔ nsɛe asaase pa biara.”+
20 Berɛ a ɛduruu anɔpa a wɔbɔ aduane afɔreɛ no,+ deɛ wɔhunuiɛ ara ne sɛ nsuo firi Edom reba, na nsuo no bɛhyɛɛ asaase no so ma.
21 Moabfoɔ nyinaa tee sɛ ahemfo no aba sɛ wɔne wɔn rebɛko. Enti wɔfrɛfrɛɛ mmarima a wɔtumi kɔ ɛko* nyinaa, na wɔkɔgyinagyinaa wɔn hyeɛ so. 22 Berɛ a wɔsɔree anɔpatutuutu no, na awia atɔ nsuo no so, na Moabfoɔ a wɔgyinagyina ɛfã nohoa no huu sɛ nsuo no ayɛ kɔɔ sɛ mogya. 23 Wɔkaa sɛ: “Mogya! Ahemfo no de sekan akunkum wɔn ho. Enti Moabfoɔ, monkɔfom wɔn nneɛma!”+ 24 Berɛ a wɔbaa Israelfoɔ asoɛeɛ hɔ no, ɛhɔ ara na Israelfoɔ no sɔre to hyɛɛ Moabfoɔ no so firii aseɛ kunkum wɔn, na wɔdwane firii wɔn anim.+ Wɔkɔɔ Moabfoɔ asaase so, na wɔrekɔ nyinaa na wɔrekunkum Moabfoɔ no. 25 Wɔsɛee nkuro no, na asaase pa biara a ɛda hɔ no, wɔn mu biara soaa aboɔ guu so de hyɛɛ so ma; wɔsisii nsuo aniwa nyinaa,+ na wɔtwitwaa nnua pa nyinaa gui.+ Kir-Hareset+ aboɔ afasuo no nko ara na ɛkaeɛ, na wɔn a wɔto ataaboɔ* kɔtwaa kuro no ho hyiaeɛ, na wɔfirii aseɛ sɛee no.
26 Berɛ a Moab hene huu sɛ wadi nkoguo no, ɛhɔ ara na ɔfaa mmarima 700 a wɔkurakura sekan sɛ ɔrekɔ Edom hene+ so, nanso wɔantumi. 27 Ɛnna ɔfaa n’abakan a ɔbɛdi n’adeɛ de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ+ wɔ ɔfasuo no ho. Na nkurɔfoɔ faa Israel ho abufuo kɛse, enti wɔgyaee ɛko no na wɔsan kɔɔ wɔn asaase so.