Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
2 Berɛ a Yehowa rebɛfa Elia+ akɔ soro* wɔ ahum mu+ no, Elia ne Elisa+ firii Gilgal+ kɔe. 2 Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Mesrɛ wo tena ha, na Yehowa asoma me sɛ menkɔ Betel.” Nanso Elisa kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na wo nso wote ase* yi, merennyaa w’akyiri die.” Enti wɔsiane kɔɔ Betel.+ 3 Ɛnna adiyifoɔ mma* a wɔwɔ Betel no baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Wonim sɛ ɛnnɛ Yehowa rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn akɔ?”+ Na ɔkaa sɛ: “Menim dada. Monnyae ho asɛm ka.”
4 Afei Elia ka kyerɛɛ no sɛ: “Elisa, mesrɛ wo tena ha, na Yehowa asoma me sɛ menkɔ Yeriko.”+ Nanso ɔkaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na wo nso wote ase* yi, merennyaa w’akyiri die.” Enti wɔsiim kɔɔ Yeriko. 5 Ɛnna adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko no baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ: “Wonim sɛ ɛnnɛ Yehowa rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn akɔ?” Na ɔkaa sɛ: “Menim dada. Monnyae ho asɛm ka.”
6 Ɛnna Elia ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo tena ha, na Yehowa asoma me sɛ menkɔ Yordan ano.” Nanso ɔkaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na wo nso wote ase* yi, merennyaa w’akyiri die.” Enti wɔn mmienu siim kɔe. 7 Wɔn mmienu no kɔgyinaa Yordan ano, na adiyifoɔ mma no mu 50 nso kɔgyinagyinaa akyiri hwɛɛ wɔn. 8 Ɛnna Elia yii n’ataadeɛ,*+ na ɔbobɔ de bɔɔ nsuo no mu, na nsuo no mu pae kɔɔ ha ne ha maa wɔn mmienu no faa asaase kesee so twae.+
9 Berɛ a wɔtwaeɛ ara pɛ na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Ka deɛ menyɛ mma wo ansa na wɔafa me afiri wo nkyɛn.” Na Elisa kaa sɛ: “Mesrɛ wo, wo honhom+ no mɛnya kyɛfa* mmienu+ anaa?” 10 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Woabisa adeɛ a ɛyɛ den. Sɛ wohu sɛ wɔrefa me afiri wo nkyɛn a, wobɛnya; sɛ woanhunu deɛ a, ɛnneɛ worennya.”
11 Berɛ a wɔnam kwan so rekɔ a wɔrekasa no, mpofirim ara na egya teaseɛnam ne egya apɔnkɔ+ bɛtetee wɔn mmienu ntam, na Elia faa ahum mu kɔɔ soro.*+ 12 Berɛ a Elisa gu so rehwɛ deɛ ɛrekɔ so no, ɔteaam sɛ: “Me papa, me papa! Hwɛ, Israel ɛko teaseɛnam ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so!”+ Akyire yi a ɔnhu no bio no, ɔsɔɔ ɔno ara n’ataadeɛ mu na ɔsuan mu mmienu.+ 13 Ɛno akyi no, ɔfaa Elia ataadeɛ*+ a afiri ne ho agu fam no, na ɔsan kɔgyinaa Yordan ano. 14 Ɛnna ɔde Elia ataadeɛ* a ɛfirii ne ho guu fam no bɔɔ nsuo no mu, na ɔkaa sɛ: “Ɛhe na Yehowa, Elia Nyankopɔn no wɔ?” Berɛ a ɔde bɔɔ nsuo no mu no, emu pae kɔɔ ha ne ha, na Elisa twae.+
15 Berɛ a adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko no huu no wɔ akyirikyiri no, wɔkaa sɛ: “Elia honhom aba Elisa so.”+ Ɛnna wɔkɔhyiaa no, na wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butubutuu fam wɔ n’anim. 16 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nkoa wɔ mmarima akantinka 50 wɔ ha. Yɛsrɛ wo, ma wɔnkɔhwehwɛ wo wura. Ebia Yehowa honhom* ama ne so akɔto bepɔ bi so anaa ɛbɔn bi mu.”+ Nanso ɔkaa sɛ: “Monnsoma wɔn.” 17 Na wɔkae ara maa afei deɛ na ɛha no, enti ɔkaa sɛ: “Monsoma ɛ.” Ɛnna wɔsomaa mmarima 50 kɔeɛ, na wɔkɔhwehwɛɛ no nnansa, nanso wɔanhu no. 18 Berɛ a wɔsan baa ne nkyɛn no, na ɔwɔ Yeriko.+ Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Manka ankyerɛ mo sɛ, ‘Monnkɔ’?”
19 Akyire yi, kuro no mu mmarima bɛka kyerɛɛ Elisa sɛ: “Sɛdeɛ me wura ani tua yi, kuro yi da baabi pa,+ nanso nsuo no nyɛ, na asaase no nso aba.”* 20 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Momfa kyɛnsee ketewa a ɛyɛ foforɔ na momfa nkyene ngu mu mmrɛ me.” Na wɔkɔfa brɛɛ no. 21 Afei ɔkɔɔ nsuo no ti de nkyene kɔguu mu,+ na ɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Nsuo yi, masa no yareɛ. Ɛrenkum obiara bio, na ɛremma obiara nyɛ bonini bio.’”* 22 Elisa asɛm no baa mu, na nsuo no anya ayaresa abɛsi nnɛ.
23 Ɔfirii hɔ sɛ ɔreforo akɔ Betel, na berɛ a ɔnam kwan so no, mmarimaa bi firi kuro no mu bae, na wɔfirii aseɛ dii ne ho agorɔ+ kaa sɛ: “Wo tiri so a apa, foro kɔ! Wo tiri so a apa, foro kɔ!” 24 Ɛduruu baabi no, ɔdanee n’ani hwɛɛ wɔn, na ɔdomee wɔn wɔ Yehowa din mu. Ɛnna sisire* mmienu+ firi wuram bɛtetee mmɔfra no bi mu; ná wɔyɛ 42.+ 25 Na ɔtoaa so kɔduruu Karmel Bepɔ+ so, na ɔfirii hɔ san kɔɔ Samaria.