Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
4 Adiyifoɔ mma+ no baako yere bɛsu kyerɛɛ Elisa sɛ: “Me kunu awu, na wo ara wonim sɛ berɛ a w’akoa te ase no, na ɔsuro Yehowa.+ Mede obi ka, na waba sɛ ɔrebɛfa me mma mmienu no akɔyɛ nkoa.” 2 Ɛnna Elisa bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na menyɛ mma wo? Ka kyerɛ me, ɛdeɛn na wowɔ wɔ fie?” Na ɔkaa sɛ: “W’afenaa nni hwee wɔ fie sɛ ngo ahina baako.”+ 3 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Kɔ abɔnten kɔsrɛ nhina a hwee nni mu firi wɔn a wɔtete bɛn wo nyinaa nkyɛn. Dodoɔ biara a wobɛnya no, gye. 4 Afei wo ne wo mma mmarima no nkɔhyɛ dan mu na monto pono mu, na hwiehwie ngo no gu nhina no nyinaa mu. Deɛ ɛbɛyɛ ma biara, fa si nkyɛn.” 5 Ɔkaa saa no, ɔbaa no firii ne nkyɛn kɔe.
Ɔne ne mma mmarima no kɔhyɛɛ dan mu too pono mu, na sɛ wɔde nhina no ma no a, na ɔno nso ahwiehwie ngo no agu mu.+ 6 Berɛ a nhina no yeyɛɛ ma no, ɔka kyerɛɛ ne ba baako sɛ: “Fa ahina foforɔ brɛ me.”+ Nanso ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ahina biara nni hɔ bio.” Ɛnna ngo no twaeɛ.+ 7 Enti ɔbaa no kɔka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no. Na ɔno nso kaa sɛ: “Kɔtɔn ngo no na fa tuatua wo ho aka, na deɛ ɛbɛka no, wo ne wo mma no mfa nhwɛ mo ho.”
8 Da bi, Elisa kɔɔ Sunem.+ Ná ɔbaa animuonyamfoɔ bi wɔ hɔ, na ɔbaa no kae ara sɛ ɔmmɛdidi wɔ ne fie.+ Ɛno akyi no, berɛ biara a ɔbɛkɔ hɔ no, na ɔfa hɔ kɔdidi. 9 Ɛnna ɔbaa no ka kyerɛɛ ne kunu sɛ: “Menim sɛ ɔbarima a ɔba yɛn nkyɛn daa yi yɛ Onyankopɔn nipa kronkron. 10 Mesrɛ wo, ma yɛnyɛ atifi dan+ ketewa bi mma no, na yɛmfa mpa, ɛpono, adwa, ne kaneadua nsisi mu mma no, na da biara a ɔbɛba yɛn nkyɛn no, wanya baabi atena.”+
11 Da bi, odiyifoɔ no baa hɔ sɛdeɛ ɔyɛ daa no, na ɔkɔɔ atifi dan no mu kɔdaa hɔ. 12 Ɛnna ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ Gehasi+ sɛ: “Frɛ Sunemni+ baa yi bra.” Enti ɔfrɛɛ no bɛgyinaa n’anim. 13 Afei ɔka kyerɛɛ Gehasi sɛ: “Mesrɛ wo, ka kyerɛ no sɛ, ‘Woaha wo ho ayɛ wei nyinaa ama yɛn.+ Ɛdeɛn na yɛn nso yɛnyɛ mma wo?+ Biribi wɔ hɔ a wopɛ sɛ meka kyerɛ ɔhene+ anaa asraafoɔ panin no ma wo anaa?’” Nanso ɔbaa no kaa sɛ: “Me nkurɔfoɔ mu na mete, enti menni haw.” 14 Enti odiyifoɔ no bisaa sɛ: “Ɛdeɛn koraa na yɛbɛtumi ayɛ ama no?” Ɛnna Gehasi kaa sɛ: “Deɛ ɛteɛ ne sɛ, ɔnni ɔbabarima,+ na ne kunu nso abɔ akɔkoraa.” 15 Ɛhɔ ara na ɔkaa sɛ: “Frɛ no bra.” Enti ɔkɔfrɛɛ no, na ɔbaa no bɛgyinaa kwan no ano. 16 Ɛnna odiyifoɔ no kaa sɛ: “Afe sɛsɛɛ na woturu ɔbabarima.”+ Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn nipa, ɛrenyɛ yie! Me wura, nka asɛm a ɛnyɛ nokorɛ nkyerɛ w’afenaa.”
17 Nanso ɔbaa no nyinsɛnee, na sɛdeɛ Elisa ka kyerɛɛ no no, afe pɛpɛɛpɛ na ɔwoo ɔbabarima. 18 Abɔfra no nyinii, na da bi a ne papa wɔ atwafoɔ no nkyɛn wɔ afuo mu no, abɔfra no kɔɔ ne nkyɛn. 19 Na abɔfra no ka kyerɛɛ ne papa sɛ: “Me ti, me ti!” Ɛnna papa no ka kyerɛɛ ne somfoɔ sɛ: “Fa no kɔma ne maame.” 20 Enti ɔmaa abɔfra no so de no kɔmaa ne maame. Ɔdaa ne maame nan so kɔsii awia,* na ɔwuiɛ.+ 21 Ɛnna ɔbaa no foro de no kɔtoo nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no mpa so, na ɔtoo pono no mu firii adi. 22 Afei ɔfrɛɛ ne kunu na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, ma me asomfoɔ no baako ne afunumu baako, na memmɔ hwii nkɔ nokorɛ Nyankopɔn nipa no nkyɛn mmra.” 23 Ɛnna ne kunu bisaa sɛ: “Adɛn nti na worekɔ ne nkyɛn nnɛ? Ɛnnɛ nyɛ bosome foforɔ+ anaa Homeda.” Nanso ɔbaa no kaa sɛ: “Ɛnyɛ hwee.” 24 Enti ɔbaa no hyehyɛɛ afunumu no, na ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: “Ka wo ho. Nka sɛ me nti woreto wo bo ase, gye sɛ meka sɛ to wo bo ase.”
25 Enti ɔbaa no siim kɔɔ nokorɛ Nyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ Karmel Bepɔ so. Berɛ a nokorɛ Nyankopɔn nipa no huu no wɔ akyirikyiri no, ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ Gehasi sɛ: “Hwɛ! Sunemni baa no na ɔreba no. 26 Mesrɛ wo, tu mmirika kɔhyia no na bisa no sɛ, ‘Wo ho yɛ? Wo kunu ho yɛ? Abɔfra no ho yɛ?’” Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Biribiara yɛ bɔkɔɔ.” 27 Berɛ a ɔbaa no kɔduruu nokorɛ Nyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ bepɔ no so no, ɛhɔ ara na ɔbaa no bɛsɔɔ ne nan.+ Ɛnna Gehasi baa sɛ ɔrebɛpia no afiri hɔ, nanso nokorɛ Nyankopɔn nipa no kaa sɛ: “Gyaa no, na awerɛhoɔ ahyɛ ne so.* Yehowa anka ankyerɛ me; ɔde ahinta me.” 28 Afei ɔbaa no kaa sɛ: “Me na mekaa sɛ me wura mma me ɔba anaa? Manka sɛ, ‘Mmɛdaadaa me’?”+
29 Ɛhɔ ara na ɔka kyerɛɛ Gehasi sɛ: “Fa w’ataadeɛ kyekyere w’asene+ na fa me poma kura na kɔ hɔ. Obiara a wobɛhyia no wɔ kwan so no, nkyea no; sɛ obi kyea wo nso a, nnye so. Fa me poma no kɔto abɔfra no anim.” 30 Ɛnna abɔfra no maame kaa sɛ: “Sɛ́ Yehowa te ase na wo nso wote ase* yi, merennya wo hɔ nkɔ.”+ Enti ɔsɔree, na ɔne ɔbaa no kɔe. 31 Gehasi dii kan kɔɔ hɔ de poma no kɔtoo abɔfra no anim, nanso wankasa na wankeka ne ho.+ Ɔsan n’akyi kɔhyiaa Elisa, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Abɔfra no annyane.”
32 Berɛ a Elisa bɛduruu fie hɔ no, na abɔfra no awu ama wɔde no akɔto ne mpa so.+ 33 Ɛnna ɔkɔɔ mu kɔtoo pono no mu, na berɛ a ɛkaa wɔn mmienu pɛ no, ɔbɔɔ Yehowa mpaeɛ.+ 34 Afei ɔforoo mpa no kɔdaa abɔfra no so, na ɔde n’ano butuu n’ano, na ɔde n’ani butuu n’ani so, na ɔde ne nsayam totoo ne nsayam, na wansɔre amfiri abɔfra no so kɔsii sɛ abɔfra no ho firii aseɛ yɛɛ hye.+ 35 Afei, ɔdii akɔneaba wɔ fie hɔ, na ɔsan foroo mpa no kɔbutuu abɔfra no so. Ɛnna abɔfra no nwansii mprɛ nson, na abɔfra no buee n’ani.+ 36 Afei Elisa frɛɛ Gehasi na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Frɛ Sunemni baa no bra.” Enti ɔfrɛɛ no maa ɔbaa ne nkyɛn. Na ɔka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Fa wo ba no kɔ.”+ 37 Ɛnna ɔbaa no baa mu bɛhwee ne nan ase butuu fam, na ɔfaa ne ba no kɔe.
38 Berɛ a Elisa san kɔɔ Gilgal no, na ɛkɔm aba asaase no so.+ Ná adiyifoɔ mma+ no tete n’anim, na ɔka kyerɛɛ ne somfoɔ+ no sɛ: “Fa kukuo kɛseɛ no si gya so yɛ forɔeɛ ma adiyifoɔ mma no.” 39 Enti wɔn mu baako kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔtete ɛfan, na ɔkɔhunuu afifideɛ bi wɔ wuram, na ɔtetee ɛferɛ a ɛwɔ so no bi guu ne ntoma mu maa no yɛɛ ma. Ɛnna ɔbɛtwitwa guu kukuo a ɛsi gya so no mu; nanso na ɔnnim n’adeban. 40 Akyire yi wɔtete maa mmarima no sɛ wɔnni. Berɛ a wɔde forɔeɛ no bi kaa wɔn ano ara pɛ, wɔteaam kaa sɛ: “O nokorɛ Nyankopɔn nipa, awuduro wɔ kukuo no mu.” Na wɔantumi anni. 41 Enti ɔkaa sɛ: “Momma me esiam.” Berɛ a ɔde guu kukuo no mu no, ɔkaa sɛ: “Montete mma wɔn na wɔnni.” Afei, na biribiara nni kukuo no mu a ɛbɛtumi aha wɔn.+
42 Ɔbarima bi firi Baal-Salisa+ bae, na ɔde paanoo 20 a wɔde baali*+ aba a ɛdi kan ayɛ brɛɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no, na ɔde baali mono nso kaa ho baeɛ; ná ɛyɛ kotokuo baako.+ Ɛnna Elisa kaa sɛ: “Fa ma nkurɔfoɔ no ma wɔnni.” 43 Nanso ne somfoɔ no kaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na mede wei asi mmarima 100 anim?”+ Ɛnna ɔno nso kaa sɛ: “Fa ma nkurɔfoɔ no ma wɔnni, ɛfiri sɛ Yehowa aka sɛ, ‘Wɔbɛdi ama ebi aka.’”+ 44 Ɛnna ɔde sii wɔn anim, na sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no, wɔdi maa ebi kaeɛ.+