2 Samuel 22:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Nokorɛ Nyankopɔn no deɛ, ne kwan yɛ pɛ;+Yehowa asɛm nso, wɔapa mu.+Ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.+ 2 Berɛsosɛm 32:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 “Monnya akokoɔduro na monyɛ den.+ Monnsuro+ na mommmɔ hu,+ Asiria hene+ ne nnipadɔm a wɔka ne ho+ no nti, ɛfiri sɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sene wɔn a wɔka ne ho. Dwom 27:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Sɛ dɔm bɔ me so nsra+ a,M’akoma rentu.+Sɛ wɔtu me so sa+ a,Ɛno mpo mede me ho bɛto wo so.+ Dwom 46:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Asafo Yehowa ne yɛn wɔ hɔ;+Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn abantenten.+ Sela. Dwom 55:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ɔbɛgye me kra afiri ko a wɔko tia me no mu,+ na wama no anya asomdwoeɛ,Ɛfiri sɛ nnipadɔm na wɔreko atia me.+ Romafoɔ 8:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛbɛka no yeinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afã a, hwan na ɔbɛtumi ne yɛn adi asie?+
31 Nokorɛ Nyankopɔn no deɛ, ne kwan yɛ pɛ;+Yehowa asɛm nso, wɔapa mu.+Ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔdwane kɔtoa no nyinaa.+
7 “Monnya akokoɔduro na monyɛ den.+ Monnsuro+ na mommmɔ hu,+ Asiria hene+ ne nnipadɔm a wɔka ne ho+ no nti, ɛfiri sɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sene wɔn a wɔka ne ho.
18 Ɔbɛgye me kra afiri ko a wɔko tia me no mu,+ na wama no anya asomdwoeɛ,Ɛfiri sɛ nnipadɔm na wɔreko atia me.+