2 Berɛsosɛm
32 Nsɛm yi ne nokorɛdie+ yi akyi no, Asiria hene+ Senaherib+ baa Yuda so, na ɔtwaa nkuro a wɔagye ho ban+ no ho hyiaeɛ, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛbubu awura mu na wagye afa.
2 Berɛ a Hesekia hunuu sɛ Senaherib aba, na ɔde asi n’ani+ so sɛ ɔne Yerusalem bɛko no, 3 ɔne ne mpanimfoɔ+ ne ne mmarima ahoɔdenfoɔ no faa adwene sɛ wɔbɛsisi nsuwansuwa a ɛwowɔ kuro no akyi+ no, na wɔboaa no. 4 Enti nnipa bebree bɛhyiaeɛ, na wɔsisii nsutire ne nsubɔnten+ a ɛsene fa kuro no mfimfini nyinaa, na wɔkaa sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Asiria ahemfo ba bɛnya nsuo pii?”
5 Bio nso, ɔnyaa akokoɔduro, na ɔtoo afasuo a adwiri aguo+ no nyinaa, na ɔsisii abantenten+ wɔ so; ɔsan too afasuo foforɔ kuro no akyi,+ na ɔsiesiee Milo*+ a ɛwɔ Dawid Kuro mu no; afei ɔyeyɛɛ akodeɛ+ bebree ne akyɛm.+ 6 Na ɔde asahene+ sisii ɔman no so, na ɔboaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn kuro no pono ano wɔ abɔnten,+ na ɔne wɔn kasaeɛ kaa wɔn akoma+ too wɔn yam sɛ: 7 “Monnya akokoɔduro na monyɛ den.+ Monnsuro+ na mommmɔ hu,+ Asiria hene+ ne nnipadɔm a wɔka ne ho+ no nti, ɛfiri sɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sene wɔn a wɔka ne ho. 8 Ɔno deɛ, ɔhonam basa+ na ɛka ne ho, na yɛn deɛ, Yehowa, yɛn Nyankopɔn na ɔka yɛn ho sɛ ɔbɛboa yɛn+ na wako yɛn ko ama yɛn.”+ Enti ɔman no de wɔn werɛ hyɛɛ Yuda hene Hesekia nsɛm no mu.+
9 Yei akyi, berɛ a Asiria hene Senaherib+ ne ne dɔm+ nyinaa wɔ Lakis+ no, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ Yerusalem, Yuda hene Hesekia ne Yudeafoɔ a wɔtete Yerusalem nyinaa nkyɛn sɛ:
10 “Deɛ Asiria hene Senaherib aka nie,+ ‘Ɛdeɛn na mode mo ani ato soɔ, a mote Yerusalem komm berɛ a wɔatwa mo ho ahyia yi?+ 11 Ɛnyɛ nnaadaa na Hesekia+ redaadaa+ mo ama ɛkɔm ne sukɔm aku mo berɛ a ɔka sɛ: “Yehowa yɛn Nyankopɔn na ɔbɛgye yɛn Asiria hene nsam”+ no? 12 Ɛnyɛ Hesekia yi ara na ɔyiyii ne sorɔnsorɔmmea+ ne n’afɔrebukyia+ na ɔka kyerɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: “Afɔrebukyia+ baako anim na monkoto,+ na ɛno ara so na monhye afɔrebɔdeɛ”+ no? 13 Enti monnim deɛ me ne m’agyanom de yɛɛ nsase no so aman nyinaa?+ Nsase no so aman anyame+ no tumi gyee wɔn nkurɔfoɔ firii me nsam anaa? 14 Amanaman a m’agyanom sɛee wɔn no anyame no mu hwan na ɔtumi gyee ne nkurɔfoɔ firii me nsam? Mo Nyankopɔn no na ɔbɛtumi agye mo afiri me nsam?+ 15 Enti mommma Hesekia nnsisi mo+ na ɔnnnaadaa+ mo saa, na monnnye no nnni, ɛfiri sɛ ɔman anaa ahennie biara nni hɔ a ne nyame bi tumi gyee ne nkurɔfoɔ firii me nsam ne m’agyanom nsam, na mo Nyankopɔn no na ɔbɛtumi agye mo afiri me nsam anaa?’”+
16 Na ne nkoa nso kasa tiaa nokorɛ Nyankopɔn Yehowa+ ne n’akoa Hesekia. 17 Ɔtwerɛɛ nkrataa+ nso de sopaa Yehowa, Israel Nyankopɔn,+ na ɔkasa tiaa no sɛ: “Sɛdeɛ nsase no so aman no anyame+ antumi annye wɔn nkurɔfoɔ amfiri me nsam+ no, saa ara na Hesekia Nyankopɔn nso rennye ne nkurɔfoɔ mfiri me nsam.” 18 Na wɔde+ nne kɛseɛ teaam+ Yudafoɔ kasa+ mu kyerɛɛ Yerusalemfoɔ a wɔwɔ afasuo no soɔ no de bɔɔ wɔn hu+ na ama wɔn akoma atu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfa kuro no. 19 Na wɔkasa tiaa+ Yerusalem Nyankopɔn+ te sɛ asase so aman anyame a wɔyɛ nnipa nsa ano adwuma+ no. 20 Nanso Ɔhene Hesekia+ ne Amus+ ba odiyifoɔ+ Yesaia+ bɔɔ yei ho mpaeɛ+ ara, na wɔsu frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa wɔn.+
21 Ɛnna Yehowa somaa ɔbɔfoɔ+ bɛpepaa Asiria hene nsraban+ mu mmarima akokoɔdurofoɔ a wɔn ho yɛ den+ ne wɔn mpanimfoɔ ne wɔn asahene nyinaa, na ɔde animguaseɛ san kɔɔ n’asase so. Akyire yi, ɔkɔɔ ne nyame fie, na ɔno ara n’asene mu mma de nkrantɛ kuu no.+ 22 Saa na Yehowa gyee Hesekia ne Yerusalemfoɔ firii Asiria hene Senaherib ne wɔn a aka nyinaa nsam,+ na ɔmaa wɔnyaa ɔhome afã nyinaa hyiaeɛ.+ 23 Na nnipa pii de akyɛdeɛ+ brɛɛ Yehowa wɔ Yerusalem, na wɔbrɛɛ Yuda hene Hesekia nneɛma a ɛsom boɔ,+ na ɔnyaa anidie+ aman nyinaa ani so, yei akyi.
24 Nna no mu no, owuyareɛ bɔɔ Hesekia,+ na ɔbɔɔ Yehowa mpaeɛ+ maa ɔne no kasaeɛ+ na ɔmaa no sɛnkyerɛnne.+ 25 Na Hesekia yɛɛ bonniayɛ,+ yie a wɔyɛɛ no no ho, ɛfiri sɛ n’akoma maa ne ho so,+ na abufuo+ baa ɔne Yuda ne Yerusalem so. 26 Nanso Hesekia brɛɛ ne ho ase+ n’akoma a ɛmaa ne ho soɔ no ho, ɔne Yerusalemfoɔ, na Yehowa abufuo amma wɔn so Hesekia nna mu.+
27 Hesekia nyaa ahonyadeɛ ne animuonyam pii pa;+ ɔsisii adekora adan maa dwetɛ ne sika+ ne aboɔden aboɔ+ ne balsam ngo+ ne akyɛm+ ne anwenneɛ a ɛsom boɔ+ no nyinaa; 28 na ɔsisii adekora adan+ nso maa nnɔbaeɛ ne nsã foforɔ+ ne ngo, na ɔyeyɛɛ adan+ maa afieboa ahodoɔ nyinaa bi ne nnwankuo. 29 Ɔnyaa nkuro ne nnwankuo+ ne anantwie+ bebree, ɛfiri sɛ Onyankopɔn maa no nyaa nneɛma pii pa.+ 30 Hesekia na ɔsii+ nsuo+ a ɛfiri Gihon+ atifi ba no, na ɔdanee ani kyerɛɛ atɔeɛ fam kɔɔ Dawid Kuro+ mu, na Hesekia nnwuma nyinaa sii yie.+ 31 Na ɛbaa sɛ berɛ a Babilon+ mpanimfoɔ somaa wɔn ananmusifoɔ baa ne nkyɛn+ bɛbisaa no sɛnkyerɛnne+ a asi asase no soɔ no, nokorɛ Nyankopɔn gyaa no+ de sɔɔ no hwɛeɛ,+ na ama no ahunu deɛ ɛwɔ n’akoma mu nyinaa.+
32 Hesekia ho nsɛm a aka+ ne n’adɔeɛ+ no, wɔatwerɛ ne nyinaa wɔ Amus ba+ odiyifoɔ Yesaia anisoadehunu mu wɔ Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma+ no mu. 33 Na Hesekia ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na wɔsiee no kokoɔ so, bea a ɛkɔ Dawid mma asieeɛ+ no; Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa dii no ni ne wuo mu.+ Na ne ba Manase+ bɛdii n’adeɛ.