Mmebusɛm 8:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Yehowa suro ne bɔne tan.+ Ahomasoɔ ne ahantan+ ne ɔkwammɔne ne nkontompo ano+ deɛ, mekyiri. Mmebusɛm 16:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Ahantan di ɔsɛeɛ anim,+ na ahomasoɔ honhom di asehweɛ anim.+ Mmebusɛm 29:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Ɔdasani ahantan na ɛbɛbrɛ no aseɛ,+ na deɛ ne honhom dwoɔ no bɛnya animuonyam.+ Galatifoɔ 6:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Na sɛ obi bu ne ho sɛ ɔyɛ obi na ɔnyɛ hwee+ a, na ɔredaadaa ne ho. 1 Petro 5:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Saa ara na mo mmeranteɛ nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanimfoɔ ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛaseɛ adwene mmɔ mo asene mfa nsonsom mo ho,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne ahantanfoɔ di asie, nanso ɔdom ahobrɛasefoɔ.+
5 Saa ara na mo mmeranteɛ nso, mommrɛ mo ho ase+ nhyɛ mpanimfoɔ ase. Na mo nyinaa momfa ahobrɛaseɛ adwene mmɔ mo asene mfa nsonsom mo ho,+ ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne ahantanfoɔ di asie, nanso ɔdom ahobrɛasefoɔ.+