Deuteronomium 20:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Yehowa mo Nyankopɔn ka mo ho, na ɔne mo atamfo bɛko ama mo na wagye mo.’+ Yosua 10:42 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 42 Yosua faa ahemfo yi nyinaa ne wɔn nsase prɛko,+ ɛfiri sɛ Israel Nyankopɔn Yehowa ko maa Israel.+ 2 Berɛsosɛm 20:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Na ɔkaa sɛ: “Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa ne Ɔhene Yehosafat, monyɛ asõ! Deɛ Yehowa reka akyerɛ mo nie, ‘Monnsuro,+ na mommmɔ hu dɔm kɛseɛ yi nti; ɛfiri sɛ ɛko no nyɛ mo ko, na ɛyɛ Onyankopɔn dea.+ Romafoɔ 8:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛbɛka no yeinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afã a, hwan na ɔbɛtumi ne yɛn adi asie?+
15 Na ɔkaa sɛ: “Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa ne Ɔhene Yehosafat, monyɛ asõ! Deɛ Yehowa reka akyerɛ mo nie, ‘Monnsuro,+ na mommmɔ hu dɔm kɛseɛ yi nti; ɛfiri sɛ ɛko no nyɛ mo ko, na ɛyɛ Onyankopɔn dea.+