9 Ahwɛyie ara na monyɛ na moante atua antia Yehowa.+ Monnsuro nnipa a wɔte asase no soɔ+ no, na wɔyɛ koko ma yɛn. Wɔn nkatasoɔ afiri wɔn so,+ na yɛn deɛ Yehowa ka yɛn ho.+ Monnsuro wɔn.”+
20“Sɛ wo ne w’atamfo rekɔko na wohunu sɛ wɔwɔ apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ ne dɔm a wɔdɔɔso sene woɔ a, nsuro wɔn ɛfiri sɛ Yehowa wo Nyankopɔn a ɔyii wo firii Egypt asase soɔ no+ ka wo ho.+
12 Na hwɛ! Nokorɛ Nyankopɔn no di yɛn anim,+ ɔne n’asɔfoɔ+ ne ɔsa ntotorobɛnto+ a wɔbɛbɔ agu mo soɔ no. Enti Israel mma, mo ne Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn no nnko,+ ɛfiri sɛ ɛrensi mo yie.”+