Mmebusɛm 19:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ɔdasani nkwaseasɛm na ɛkyea ne kwan,+ na n’akoma huru tia Yehowa.+ Yesaia 8:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ahoyera ne kɔm na wɔde bɛnante asase no soɔ.+ Na ɛkɔm ne abufuo nti, wɔbɛdome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn mpo,+ na wɔbɛma wɔn ani so ahwɛ soro. Amos 3:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Wɔbɛhyɛne abɛn wɔ kuro mu a nnipa ho rempopo anaa?+ Na mmusuo ba kuro mu a ɛnyɛ Yehowa na ama no aba?
21 Ahoyera ne kɔm na wɔde bɛnante asase no soɔ.+ Na ɛkɔm ne abufuo nti, wɔbɛdome wɔn hene ne wɔn Nyankopɔn mpo,+ na wɔbɛma wɔn ani so ahwɛ soro.
6 Wɔbɛhyɛne abɛn wɔ kuro mu a nnipa ho rempopo anaa?+ Na mmusuo ba kuro mu a ɛnyɛ Yehowa na ama no aba?