2 Ahemfo
7 Ɛnna Elisa kaa sɛ: “Montie Yehowa asɛm.+ Deɛ Yehowa aka nie, ‘Ɔkyena sɛsɛɛ esiam susukoraa baako boɔ bɛyɛ dwetɛbena baako, na atokoɔ susukoraa mmienu boɔ bɛyɛ dwetɛbena baako wɔ Samaria kuro pono ano.’”+ 2 Ɛhɔ ara na okunini a ɔhene twere+ ne nsa soɔ no bisaa nokorɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: “Sɛ Yehowa rebue ɔsoro mpomma+ mpo a, anka asɛm yi bɛtumi aba mu?”+ Na ɔno nso kaa sɛ: “Wode w’ani na ɛbɛhunu,+ nanso ebi renka w’ano.”+
3 Ná mmarima akwatafoɔ nnan bi wɔ kuro no pono ano,+ na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Adɛn nti na yɛretena ha awuo yi? 4 Sɛ yɛka sɛ, ‘Momma yɛnkɔ kuro no mu’ berɛ a ɛkɔm wɔ kuro no mu a, yɛbɛwuwu wɔ hɔ.+ Na sɛ yɛtena ha nso a, yɛbɛwuwu. Enti momma yɛmmɔ nwura Siriafoɔ nsraban no mu. Sɛ wɔkora yɛn so a, yɛbɛtena nkwa mu, na sɛ wɔkunkum yɛn nso a, na yɛawu.”+ 5 Ɛnna wɔsɔree anwummerɛ a esum aba kɔɔ Siriafoɔ nsraban no mu; wɔkɔeɛ ara kɔduruu Siriafoɔ nsraban no ano, na hwɛ! wɔanhunu obiara wɔ hɔ.
6 Ná Yehowa ama Siriafoɔ no ate+ ɛko nteaseɛnam, apɔnkɔ, ne asraafoɔdɔm kɛseɛ nka+ wɔ wɔn nsraban no mu. Enti wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hwɛ! Israel hene na wakɔbɔ Hitifoɔ ahemfo+ ne Egypt ahemfo+ paa ama wɔreba yɛn soɔ no oo!” 7 Ntɛm ara na wɔsɔre dwanee anwummerɛ a esum aba+ no, na wɔgyaa wɔn ntomadan ne wɔn apɔnkɔ+ ne wɔn mfunumu—wɔdwane gyee wɔn kra+ nkwa gyaa nsraban no saa ara.
8 Berɛ a akwatafoɔ yi bɛduruu nsraban no ano no, wɔwuraa ntomadan baako mu, na wɔdidi nomeeɛ, na wɔsesaa dwetɛ ne sika ne ntadeɛ firii hɔ de kɔsieeɛ. Ɛno akyi no, wɔsan baa ntomadan foforɔ mu, na wɔsesaa nneɛma firii hɔ de kɔsieeɛ.+
9 Afei wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Deɛ yɛreyɛ yi nyɛ. Ɛnnɛ yɛ anigyeɛ da!+ Sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase, na yɛtenatena ho ma adeɛ kye a, asodie na ɛbɛba yɛn soɔ.+ Enti momma yɛnkɔbɔ amanneɛ wɔ ahemfie.” 10 Ɛnna wɔba bɛfrɛɛ kuro pono ano ahwɛfoɔ+ no, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Yɛkɔɔ Siriafoɔ nsraban mu, na hwɛ! yɛanhunu obiara na yɛante obiara nka wɔ hɔ, gye apɔnkɔ ne mfunumu a wɔamantam wɔn ne ntomadan a wɔagya hɔ saa ara.”+ 11 Ɛhɔ ara na apono ano ahwɛfoɔ no frɛeɛ na wɔkɔbɔɔ amanneɛ wɔ ahemfie.
12 Ntɛm ara na ɔhene sɔree anadwo, na ɔka kyerɛɛ n’asomfoɔ+ sɛ: “Momma menka deɛ Siriafoɔ pɛ sɛ wɔde yɛ yɛn.+ Wɔnim sɛ ɛkɔm de yɛn,+ enti wɔafiri wɔn nsraban mu akɔhunta wuram,+ na wɔaka sɛ, ‘Sɛ wɔfiri kuro no mu ba a, yɛbɛkye wɔn animono, na yɛabɔ awura kuro no mu.’” 13 Ɛnna n’asomfoɔ no baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, ma nnipa mfa kuro no mu apɔnkɔ a aka+ no nnum nkɔ. Hwɛ! Wɔn nso wɔte sɛ Israelfoɔ a wɔaka kuro yi mu no ara. Wɔte sɛ Israelfoɔ dodoɔ a wɔawuwuo no ara.+ Na ma yɛnsoma wɔn mma wɔnkɔhwɛ.” 14 Enti wɔfaa nteaseɛnam mmienu ne apɔnkɔ, na ɔhene somaa wɔn sɛ wɔnkɔ Siriafoɔ nsraban no mu, na ɔkaa sɛ: “Monkɔ na monkɔhwɛ.” 15 Ɛnna wɔdii wɔn akyi ara kɔduruu Yordan ho, na hwɛ! ntadeɛ ne anwenneɛ+ a ahoperɛ nti Siriafoɔ a wɔredwane no toto guiɛ no ayɛ kwan no so mã.+ Enti abɔfoɔ no bɛbɔɔ ɔhene amanneɛ.
16 Ɛnna ɔman no firii adi kɔfom+ Siriafoɔ nsraban no mu nneɛma; enti esiam susukoraa baako boɔ bɛyɛɛ dwetɛbena baako, na atokoɔ susukoraa mmienu boɔ bɛyɛɛ dwetɛbena baako sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+ 17 Na ɔhene yii okunini a ɔtwere+ ne nsa soɔ no sɛ ɔnhwɛ kuro pono no ano; na ɔman no tiatiaa+ ne so wɔ pono no ano maa no wuu sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no kaeɛ+ berɛ a ɔhene baa ne nkyɛn a ɔkasaeɛ no. 18 Enti sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no, ɛbaa mu saa sɛ: “Esiam susukoraa baako boɔ bɛyɛ dwetɛbena baako, na atokoɔ susukoraa mmienu boɔ bɛyɛ dwetɛbena baako wɔ Samaria kuro pono ano ɔkyena sɛsɛɛ.”+ 19 Nanso okunini no bisaa nokorɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: “Sɛ Yehowa rebue ɔsoro mpomma mpo a, anka asɛm yi bɛtumi aba mu?”+ Na ɔno nso kaa sɛ: “Wode w’ani na ɛbɛhunu, nanso ebi renka w’ano.”+ 20 Enti saa na ɛtoo no,+ ɛfiri sɛ ɔman no tiatiaa+ ne so wɔ kuro pono no ano maa no wuiɛ.