2 Ɛhɔ ara na okunini a ɔhene twere+ ne nsa soɔ no bisaa nokorɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: “Sɛ Yehowa rebue ɔsoro mpomma+ mpo a, anka asɛm yi bɛtumi aba mu?”+ Na ɔno nso kaa sɛ: “Wode w’ani na ɛbɛhunu,+ nanso ebi renka w’ano.”+
16 Nanso wɔkɔɔ so goroo+ nokorɛ Nyankopɔn nkoa no ho buu ne nsɛm animtia,+ na wɔdii n’adiyifoɔ no ho fɛ+ kɔsii sɛ Yehowa abufuo+ baa ne man so a wɔannya ayaresa.+
24 Na sɛdeɛ egya di buronan+ na gyaframa mene serɛ a awoɔ no, saa ara na wɔn nhini bɛporɔ abɔn+ na wɔn nhwiren ahu akɔ sɛ mfuturo, ɛfiri sɛ wɔapo asafo Yehowa mmara,+ na wɔmfa Israel Kronkronni no asɛm nyɛ hwee.+
2 Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔmpɛ sɛ ɔne obi bɛkyɛ ne som,+ na ɔyɛ ɔweredifoɔ; Yehowa tua bɔne so ka+ na abufuo ahyɛ no mã.+ Yehowa tua wɔn a wɔne no di asie ka na n’ani sã n’atamfo.+