2 Ahemfo
8 Ná Elisa adi kan aka akyerɛ ɔbaa a ɔnyanee ne babarima+ no sɛ: “Sɔre na kɔ, wo ne wo fiefoɔ, na kɔyɛ hɔhoɔ baabiara a wobɛnya+ ɛfiri sɛ Yehowa ama ɛkɔm reba,+ na ɛbɛba asase yi so mfeɛ nson.”+ 2 Enti ɔbaa no sɔreeɛ, na ɔyɛɛ sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no kaeɛ no,+ na ɔne ne fiefoɔ+ kɔyɛɛ ahɔhoɔ Filistifoɔ+ asase so mfeɛ nson.
3 Berɛ a mfeɛ nson no baa awieeɛ no, ɔbaa no firii Filistifoɔ asase so san baeɛ, na ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔsu akyerɛ ɔhene+ sɛ wɔmfa ne fie ne n’asase mma no. 4 Ná ɔhene ne nokorɛ Nyankopɔn nipa no somfoɔ Gehasi+ rekasa, na ɔkaa sɛ: “Ka nneɛma akɛseɛ a Elisa ayɛ no nyinaa kyerɛ me ɛ.”+ 5 Berɛ a ɔgu so reka sɛdeɛ ɔnyanee obi a wawuo no,+ hwɛ, ɔbaa a ɔnyanee ne babarima no de su baa ɔhene anim sɛ wɔmfa ne fie ne n’asase mma no.+ Ɛhɔ ara na Gehasi kaa sɛ: “Me wura+ ɔhene, ɔbaa no nie, na ne ba a Elisa nyanee no no nso nie.” 6 Ɛnna ɔhene bisaa ɔbaa no deɛ ɛsiiɛ, na ɔno nso kaa asɛm no kyerɛɛ no.+ Afei ɔhene ka kyerɛɛ ahemfie panin+ bi sɛ: “Fa ne biribiara ne nnɔbaeɛ a ɛfiri da a ɔfirii ha kɔeɛ bɛsi sɛsɛɛ asase no asoɔ nyinaa ma no.”+
7 Na Elisa kɔɔ Damasko.+ Saa berɛ no na Siria hene Ben-Hadad+ yare. Enti wɔkɔbɔɔ no amanneɛ sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no abɛduru ha.” 8 Ɛnna ɔhene no ka kyerɛɛ Hasael+ sɛ: “Fa akyɛdeɛ+ na kɔ nokorɛ Nyankopɔn nipa no nkyɛn na fa ne so bisa+ Yehowa ma me sɛ, ‘Me yareɛ no bɛkɔ anaa?’” 9 Enti Hasael faa akyɛdeɛ kɔhyiaa no, Damasko nneɛma pa nyinaa bi, yoma aduanan nnesoa, na ɔkɔgyinaa n’anim kaa sɛ: “Wo ba+ Ben-Hadad, Siria hene asoma me sɛ memmɛbisa wo sɛ, ‘Me yareɛ no bɛkɔ anaa?’” 10 Ɛnna Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Wo ho bɛtɔ wo,’ nanso Yehowa akyerɛ me+ sɛ owuo na ɔbɛwuo.”+ 11 Afei ɔhwɛɛ no hãã kɔsii sɛ ɛyɛɛ no ahometeɛ. Na nokorɛ Nyankopɔn nipa no suiɛ.+ 12 Ɛnna Hasael bisaa no sɛ: “Adɛn nti na me wura resu yi?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɛfiri sɛ menim bɔne+ a wobɛyɛ Israelfoɔ. Wode gya bɛhye wɔn nkuro a ɛyɛ den, wode nkrantɛ bɛkunkum wɔn nnɔmmarima, wobɛtete wɔn mmɔfra mu,+ na wɔn apemfoɔ nso, wobɛpaepae wɔn mu.”+ 13 Ɛnna Hasael kaa sɛ: “W’akoa, ɔkraman+ yi, ne hwan a ɔbɛtumi ayɛ adekɛseɛ yi?” Nanso Elisa kaa sɛ: “Yehowa ayi akyerɛ me sɛ wo na wobɛyɛ Siria hene.”+
14 Ɛno akyi no, ɔfirii Elisa nkyɛn kɔɔ ne wura hɔ, na ɔbisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na Elisa ka kyerɛɛ woɔ?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wo ho bɛtɔ wo.’”+ 15 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, ɔfaa kuntu bɔɔ nsuo mu de kataa ɔhene no anim+ maa no wuiɛ.+ Na Hasael+ bɛdii n’adeɛ.
16 Ahab ba, Israel hene Yehoram+ afe a ɛtɔ so nnum mu, berɛ a Yehosafat di adeɛ wɔ Yuda no, Yuda hene Yehosafat ba Yehoram+ bɛdii hene. 17 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduasa mmienu, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem.+ 18 Na ɔfaa Israel ahemfo akwan so+ sɛdeɛ Ahab fiefoɔ yɛeɛ no,+ ɛfiri sɛ Ahab babaa na ɔwaree no,+ na ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne. 19 Yehowa ampɛ sɛ ɔsɛe Yuda,+ n’akoa Dawid nti,+ ɛfiri sɛ na waka sɛ ɔbɛma ɔno ne ne mma anya kanea+ daa.
20 Ne nna mu no, Edom+ tee atua firii Yuda nsa ase, na wɔsii wɔn so hene.+ 21 Enti Yehoram kɔɔ Sair, ɔne nteaseɛnam a ɛka ne ho nyinaa. Na ɔsɔree anadwo kɔkunkum Edomfoɔ a wɔatwa ɔne nteaseɛnam so asahene no ho ahyia no, na nkurɔfoɔ no dwane kokɔɔ wɔn ntomadan mu. 22 Ne nyinaa akyi no, Edom tee atua firii Yuda nsa ase de bɛsi nnɛ. Saa berɛ no ara, Libnafoɔ+ nso tee atua.
23 Yehoram ho nsɛm a aka ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo berɛ so nsɛm nwoma+ no mu. 24 Na Yehoram ne n’agyanom kɔdaeɛ,+ na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro+ mu. Na ne ba Ahasia+ bɛdii n’adeɛ.
25 Ahab ba, Israel hene Yehoram afe a ɛtɔ so dumienu mu na Yuda hene Yehoram ba Ahasia bɛdii hene.+ 26 Ahasia bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ aduonu mmienu, na ɔdii hene afe baako wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Atalia+ a ɔyɛ Israel hene Omri+ banana. 27 Ɔfaa Ahab fiefoɔ akwan so,+ na ɔyɛɛ Yehowa ani+ so bɔne sɛdeɛ Ahab fiefoɔ yɛeɛ no, ɛfiri sɛ ɔwaree Ahab fie, na ɔbɛyɛɛ wɔn busuani.+ 28 Enti ɔne Ahab ba Yehoram boom ne Siria hene Hasael kɔkoo+ wɔ Ramot-Gilead,+ nanso Siriafoɔ bɔɔ+ Yehoram piraa no. 29 Enti Ɔhene Yehoram+ san n’akyi kɔsaa ne ho yareɛ wɔ Yesreel+ ɛfiri sɛ berɛ a ɔne Siria hene Hasael kɔkoeɛ no, Siriafoɔ no piraa no wɔ Rama. Na Yehoram ba, Yuda hene Ahasia+ kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram wɔ Yesreel, ɛfiri sɛ na ɔyare.