2 Enti Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ: “Sɔre ɛ, na sakra+ wo ho na obiara anhunu sɛ wone Yeroboam yere, na kɔ Silo. Hwɛ! Ɛhɔ na odiyifoɔ Ahiya+ wɔ. Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛyɛ ɔman yi hene.+
11 Ɛnna Yehosafat bisaa sɛ:+ “Yehowa diyifoɔ biara nni ha anaa?+ Momma yɛmfa ne so mmisa Yehowa.”+ Na Israel hene nkoa no baako buaa sɛ: “Safat ba Elisa+ a na ɔde nsuo gu Elia nsa soɔ+ no wɔ ha.”
13 “Monkɔ nkɔbisa+ Yehowa mma me ne ɔman no ne Yuda nyinaa, nwoma a wɔahunu yi mu nsɛm nti, na Yehowa abufuo+ a aba yɛn soɔ no sõ, ɛfiri sɛ yɛn agyanom+ antie nwoma yi mu nsɛm anyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ wom afa yɛn ho no+ nyinaa.”