Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • 2 Ahemfo 2:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Ɛnna ɔfaa Elia atadeɛ a ɛfirii ne ho guu fam no, na ɔde bɔɔ nsuo no mu+ kaa sɛ: “Ɛhe na Yehowa, Elia Nyankopɔn no wɔ?”+ Berɛ a ɔde bɔɔ nsuo no mu no, nkakrankakra emu paee mmienu wɔ ha ne ha, na Elisa twaeɛ.

  • 2 Ahemfo 2:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa kuruwa foforɔ na momfa nkyene ngu mu mmrɛ me.” Na wɔkɔfa brɛɛ no.

  • 2 Ahemfo 3:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 na Yehowa aka sɛ: “Morenhunu mframa, na morenhunu sɛ nsuo retɔ; nanso nsuo bɛhyɛ subɔn yi ma,+ na mobɛnom nsuo afiri mu,+ mo ne mo nyɛmmoa ne mo afieboa.”’

  • 2 Ahemfo 4:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 4 Afei wo ne wo mma mmarima no nkɔhyɛ dan mu na monto pono no mu, na hwiehwie ngo no gu nhina no nyinaa mu, na deɛ ɛbɛyɛ mã no, fa sisi nkyɛn.”

  • 2 Ahemfo 5:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Wɔkaa saa no, ɔkɔ kɔtɔɔ Yordan mu mprɛ nson sɛdeɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no no,+ na ne ho san baa ne ho maa no yɛɛ sɛ abɔfra ketewa honam,+ na ne ho teeɛ.+

  • 2 Ahemfo 5:27
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 Ɛno nti Naaman kwata+ bɛfam wo ne w’asefoɔ ho daa.”+ Ɛhɔ ara na ɔfirii n’anim kɔeɛ a kwata adware no fitaa sɛ sukyerɛmma.+

  • 2 Ahemfo 6:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 6 Ɛnna nokorɛ Nyankopɔn nipa no bisaa no sɛ: “Ɛhe na ɛtɔeɛ?” Na ɔkyerɛɛ no hɔ. Ɛhɔ ara na ɔtwaa dua bi to too hɔ, na ɛmaa akuma no bɛtɛɛ ani.+

  • 2 Ahemfo 7:1
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 Ɛnna Elisa kaa sɛ: “Montie Yehowa asɛm.+ Deɛ Yehowa aka nie, ‘Ɔkyena sɛsɛɛ esiam susukoraa baako boɔ bɛyɛ dwetɛbena baako, na atokoɔ susukoraa mmienu boɔ bɛyɛ dwetɛbena baako wɔ Samaria kuro pono ano.’”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane