Dwom 82:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Monni ɔbrɛfoɔ ne agyanka asɛm mma wɔn.+Mommu mmɔborɔni ne ohiani atɛn tenenee mu.+ Mmebusɛm 21:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɔhene akoma te sɛ asubɔnten wɔ Yehowa nsam.+ Baabi a ɔpɛ biara na ɔdane korɔ.+ Mmebusɛm 29:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Ɔhene de atɛntenenee na ɛma ɔman gyina,+ na onipa a ɔgyegye adanmudeɛ dwiri gu.+ Mmebusɛm 31:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Bue w’ano, bu atɛntenenee, na di ma mmɔborɔni ne ohiani.+