Yeremia 5:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Wɔadodɔ sradeɛ,+ na wɔayɛ sɔɔsɔɔ. Nnebɔne nso ahyɛ wɔn ma abu so. Wɔnni obiara asɛm mma no;+ wɔnni agyanka+ mpo asɛm mma no na ama wɔadi yie.+ Ahiafoɔ nso, wɔmmu atɛn mma wɔn.’” Yeremia 7:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 na moanhyɛ ɔhɔhoɔ anaa agyanka anaa okunafoɔ so,+ na moanhwie mogya a ɛdi bem angu ha,+ na moankɔdi anyame foforɔ akyi amfa amanehunu amma mo so a,+ Yeremia 22:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Deɛ Yehowa aka nie: “Mommu atɛntenenee na monyɛ adetenenee, na monnye deɛ wɔresisi no mfiri osisifoɔ nsam; monnteetee ɔhɔhoɔ, agyanka anaa okunafoɔ biara.+ Monnni wɔn so atirimuɔdensɛm.+ Monnka mogya a ɛdi bem biara nngu wɔ ha.+
28 Wɔadodɔ sradeɛ,+ na wɔayɛ sɔɔsɔɔ. Nnebɔne nso ahyɛ wɔn ma abu so. Wɔnni obiara asɛm mma no;+ wɔnni agyanka+ mpo asɛm mma no na ama wɔadi yie.+ Ahiafoɔ nso, wɔmmu atɛn mma wɔn.’”
6 na moanhyɛ ɔhɔhoɔ anaa agyanka anaa okunafoɔ so,+ na moanhwie mogya a ɛdi bem angu ha,+ na moankɔdi anyame foforɔ akyi amfa amanehunu amma mo so a,+
3 Deɛ Yehowa aka nie: “Mommu atɛntenenee na monyɛ adetenenee, na monnye deɛ wɔresisi no mfiri osisifoɔ nsam; monnteetee ɔhɔhoɔ, agyanka anaa okunafoɔ biara.+ Monnni wɔn so atirimuɔdensɛm.+ Monnka mogya a ɛdi bem biara nngu wɔ ha.+