Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
8 Elisa ka kyerɛɛ ɔbaa a ɔnyanee ne babarima* no+ sɛ: “Sɔre na kɔ, wo ne wo fiefoɔ, na kɔyɛ hɔhoɔ wɔ baabiara a wobɛnya, ɛfiri sɛ Yehowa aka sɛ ɛkɔm bɛba,+ na ɛbɛba asaase yi so mfeɛ nson.” 2 Enti ɔbaa no sɔree, na ɔyɛɛ deɛ nokorɛ Nyankopɔn nipa no kaeɛ no. Ɔne ne fiefoɔ kɔe, na wɔkɔtenaa Filistifoɔ asaase+ so mfeɛ nson.
3 Berɛ a mfeɛ nson no baa awieeɛ no, ɔbaa no firii Filistifoɔ asaase so san bae, na ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔsu akyerɛ ɔhene sɛ wɔmfa ne fie ne n’asaase mma no. 4 Saa berɛ no, na ɔhene ne nokorɛ Nyankopɔn nipa no somfoɔ Gehasi rekasa, na ɔhene no kaa sɛ: “Me pa wo kyɛw, nneɛma akɛseɛ a Elisa ayɛ nyinaa,+ ka kyerɛ me.” 5 Berɛ a ɔgu so reka sɛdeɛ Elisa nyanee obi a wawuo no,+ ɔbaa a ɔnyanee ne babarima no baa ɔhene no nkyɛn, na ɔsu kyerɛɛ no sɛ wɔmfa ne fie ne n’asaase mma no.+ Ɛhɔ ara na Gehasi kaa sɛ: “Me wura ɔhene, ɔbaa no nie, na ne babarima yi na Elisa nyanee no no.” 6 Ɛnna ɔhene bisaa ɔbaa no deɛ ɛsiiɛ, na ɔno nso kaa asɛm no kyerɛɛ no. Afei ɔhene yii ahemfie panin bi sɛ ɔmmoa ɔbaa no, na ɔka kyerɛɛ ɔpanin no sɛ: “Biribiara a ɛyɛ ɔbaa no dea no, fa ma no. Na ɛfiri da a ɔfirii asaase yi so kɔeɛ bɛsi nnɛ, deɛ afiri n’afuo no mu aba nyinaa, fa ka ho ma no.”
7 Na Elisa kɔɔ Damasko.+ Saa berɛ no, na Siria hene Ben-Hadad+ yare. Enti wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no aba ha.” 8 Ɛnna ɔhene no ka kyerɛɛ Hasael+ sɛ: “Fa akyɛdeɛ na kɔ nokorɛ Nyankopɔn nipa+ no nkyɛn. Ka kyerɛ no sɛ ɔmmisa Yehowa mma me sɛ, ‘Me yareɛ no bɛkɔ anaa?’” 9 Enti Hasael faa akyɛdeɛ kɔhyiaa no, ɔfaa Damasko nneɛma pa nyinaa bi; yoma 40 na ɛsoaa nneɛma no. Na ɔkɔgyinaa Elisa anim kaa sɛ: “Wo ba Ben-Hadad, Siria hene no na asoma me wo nkyɛn. Ɔse memmɛbisa wo sɛ, ‘Me yareɛ no bɛkɔ anaa?’” 10 Ɛnna Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Wo ho bɛtɔ wo,’ nanso Yehowa ayi akyerɛ me sɛ owuo na ɔbɛwuo.”+ 11 Na ɔhwɛɛ no* dinn kɔsii sɛ ɔyɛɛ basaa. Na nokorɛ Nyankopɔn nipa no sui. 12 Ɛnna Hasael bisaa no sɛ: “Adɛn nti na me wura resu?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɛfiri sɛ menim bɔne a wobɛyɛ Israelfoɔ.+ Wode gya bɛhye wɔn nkuro a ɛyɛ den, wode sekan bɛkunkum wɔn mmarima a wɔnim ko, wobɛtete wɔn mma mu, na wɔn mmaa a wɔnyenyem nso, wobɛpaapae wɔn mu.”+ 13 Ɛnna Hasael kaa sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na w’akoa, ɔkraman te sɛ me ayɛ adeɛ a ɛte saa?” Nanso Elisa kaa sɛ: “Yehowa ayi akyerɛ me sɛ wo na wobɛyɛ Siria hene.”+
14 Ɛnna ɔgyaa Elisa hɔ, na ɔsan kɔɔ ne wura nkyɛn. Na ne wura bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na Elisa ka kyerɛɛ wo?” Na ɔbuaa sɛ: “Ɔka kyerɛɛ me sɛ wo ho bɛtɔ wo.”+ 15 Nanso adeɛ kyeeɛ no, Hasael faa kuntu bɔɔ nsuo mu de kataa ɔhene no anim, na ɔde tuaa no ahome kɔsii sɛ ɔwuiɛ.+ Na Hasael bɛdii n’adeɛ.+
16 Israel hene Yehoram a ɔyɛ Ahab ba no ahennie afe a ɛtɔ so nnum mu+ no, berɛ a na Yehosafat di adeɛ wɔ Yuda no, Yuda hene Yehosafat ba Yehoram+ bɛdii hene. 17 Berɛ a ɔbɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ 32, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem. 18 Ɔfaa Israel ahemfo akwan so+ sɛdeɛ Ahab fiefoɔ yɛeɛ no,+ ɛfiri sɛ ɔwaree Ahab babaa.+ Ɔyɛɛ nneɛma bɔne wɔ Yehowa ani so.+ 19 Nanso Yehowa ampɛ sɛ ɔsɛe Yuda ɛsiane n’akoa Dawid nti,+ ɛfiri sɛ na wahyɛ no bɔ sɛ ɔbɛma kanea bi ahyerɛn+ ama ɔne ne mma daa.
20 Ne berɛ so no, Edomfoɔ tee atua tiaa Yuda,+ na wɔsii wɔn ankasa hene.+ 21 Enti Yehoram kɔɔ Sair, ɔne ne nteaseɛnam a ɛka ne ho nyinaa, na ɔsɔree anadwo kɔkunkum Edomfoɔ a wɔatwa ɔne nteaseɛnam so asahene no ho ahyia no, na nkurɔfoɔ no dwane kokɔɔ wɔn ntomadan mu. 22 Ne nyinaa akyi no, Edom akɔ so ate Yuda so atua abɛsi nnɛ. Saa berɛ no ara, Libnafoɔ+ nso tee atua.
23 Yehoram ho nsɛm a aka, deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔatwerɛ no Yuda ahemfo abakɔsɛm nwoma no mu. 24 Ɛnna Yehoram ne n’agyanom kɔdae, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid Kuro+ mu. Na ne ba Ahasia+ bɛdii n’adeɛ.
25 Israel hene Yehoram a ɔyɛ Ahab ba no ahennie afe a ɛtɔ so 12 mu no, Yuda hene Yehoram ba Ahasia bɛdii hene.+ 26 Ahasia bɛdii adeɛ no, na wadi mfeɛ 22, na ɔdii hene afe baako wɔ Yerusalem. Ne maame din de Atalia,+ na na ɔyɛ Israel hene Omri+ banana.* 27 Ɔfaa Ahab+ fiefoɔ akwan so, na ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ Ahab fiefoɔ yɛeɛ no, ɛfiri sɛ ɔwaree Ahab fie, na ɔne wɔn bɛbɔɔ abusua.+ 28 Enti ɔne Yehoram a ɔyɛ Ahab ba no boom ne Siria hene Hasael kɔkoo wɔ Ramot-Gilead,+ nanso Siriafoɔ no piraa Yehoram.+ 29 Enti Ɔhene Yehoram san kɔɔ Yesreel+ sɛ ɔrekɔsa ne ho yareɛ, ɛfiri sɛ berɛ a ɔne Siria hene Hasael kɔkoeɛ+ no, Siriafoɔ no piraa no wɔ Rama. Yuda hene Ahasia a ɔyɛ Yehoram ba no kɔɔ Yesreel sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram, ɛfiri sɛ na wapira.*